< ירמיה 12 >

צדיק אתה יהוה כי אריב אליך אך משפטים אדבר אותך מדוע דרך רשעים צלחה שלו כל בגדי בגד׃ 1
Ao Awurade, sɛ mede asɛm to wʼanim ɛberɛ biara a mehunu sɛ wobu atɛntenenee. Ɛno enti, mepɛ sɛ mene wo bɛkasa afa wʼatɛntenenee ho: Adɛn enti na amumuyɛfoɔ ɛkwan si wɔn yie? Adɛn enti na wɔn a wɔnni gyidie ho dwo wɔn?
נטעתם גם שרשו ילכו גם עשו פרי קרוב אתה בפיהם ורחוק מכליותיהם׃ 2
Woadua wɔn, na wɔagye nhini; wɔnyinyini na wɔso aba. Wɔbɔ wo din ɛberɛ biara nanso wɔn akoma mmɛn wo.
ואתה יהוה ידעתני תראני ובחנת לבי אתך התקם כצאן לטבחה והקדשם ליום הרגה׃ 3
Nanso, wonim me, Ao Awurade; wohunu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wɔ wo ho hwɛ. Twe wɔn kɔ sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn! Yi wɔn si nkyɛn ma okum da!
עד מתי תאבל הארץ ועשב כל השדה ייבש מרעת ישבי בה ספתה בהמות ועוף כי אמרו לא יראה את אחריתנו׃ 4
Asase no ntwɛn nkɔsi da bɛn? Prama so ɛserɛ no mpo adwan. Esiane sɛ wɔn a wɔte so no yɛ amumuyɛfoɔ enti mmoa ne nnomaa a wɔwɔ so awuwu. Na nnipa no da so ka sɛ, “Ɔrenhunu deɛ ɛba yɛn so.”
כי את רגלים רצתה וילאוך ואיך תתחרה את הסוסים ובארץ שלום אתה בוטח ואיך תעשה בגאון הירדן׃ 5
“Sɛ wo ne mmarima tu mmirika na sɛ wɔma wo abrɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ asi mmirikakan? Sɛ wosunti wɔ asase petee so a, ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn wɔ Yordan ho nkyɛkyerɛ mu?
כי גם אחיך ובית אביך גם המה בגדו בך גם המה קראו אחריך מלא אל תאמן בם כי ידברו אליך טובות׃ 6
Wo nuammarima, wʼankasa abusuafoɔ, wɔn mpo ayi wo ama; wɔteam denden tia wo. Sɛ mpo wɔka wo ho asɛm pa a, mfa wo ho nto wɔn so.
עזבתי את ביתי נטשתי את נחלתי נתתי את ידדות נפשי בכף איביה׃ 7
“Magya me nkurɔfoɔ, mato mʼagyapadeɛ agu; mede deɛ medɔ noɔ no bɛhyɛ nʼatamfoɔ nsa.
היתה לי נחלתי כאריה ביער נתנה עלי בקולה על כן שנאתיה׃ 8
Mʼagyapadeɛ ayɛ me sɛ gyata a ɔwɔ kwaeɛm. Ɔbobɔ mu gu me so; ɛno enti metane no.
העיט צבוע נחלתי לי העיט סביב עליה לכו אספו כל חית השדה התיו לאכלה׃ 9
Mʼagyapadeɛ ayɛ sɛ anomaa a nkekaeɛ sisi ne ho a ɔkyere mmoa, nanso, nnomaa a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔ no. Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano. Momfa wɔn mmra na wɔnkum wɔn.
רעים רבים שחתו כרמי בססו את חלקתי נתנו את חלקת חמדתי למדבר שממה׃ 10
Nnwanhwɛfoɔ bebree bɛsɛe me bobeturo, na wɔatiatia me mfuo so; wɔbɛdane me mfuo fɛfɛ no ayɛ no asase wesee a ada mpan.
שמה לשממה אבלה עלי שממה נשמה כל הארץ כי אין איש שם על לב׃ 11
Ɛbɛyɛ asase a ada mpan a awo wesee na ɛda hɔ kwa wɔ mʼanim; asase no nyinaa bɛda mpan ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔhwɛ soɔ.
על כל שפים במדבר באו שדדים כי חרב ליהוה אכלה מקצה ארץ ועד קצה הארץ אין שלום לכל בשר׃ 12
Wɔ nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam no nyinaa so no, asɛefoɔ bɛba abɛgu so bebree, Awurade akofena bɛkunkum wɔn afiri asase ano de akɔsi ano nohoa; obiara remfa ne ho nni.
זרעו חטים וקצים קצרו נחלו לא יועלו ובשו מתבואתיכם מחרון אף יהוה׃ 13
Wɔbɛdua atokoɔ, nso wɔbɛtwa nkasɛɛ; wɔbɛbrɛ wɔn ho, nanso wɔrennya hwee. Enti ma wʼani nwu wɔ wo otwa berɛ ho. Awurade abufuhyeɛ nti.”
כה אמר יהוה על כל שכני הרעים הנגעים בנחלה אשר הנחלתי את עמי את ישראל הנני נתשם מעל אדמתם ואת בית יהודה אתוש מתוכם׃ 14
Deɛ Awurade seɛ nie: “Na amumuyɛfoɔ a wɔfa agyapadeɛ a mede maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no deɛ, mɛtu wɔn afiri wɔn nsase so na mɛtu Yudafie afiri wɔn mu.
והיה אחרי נתשי אותם אשוב ורחמתים והשבתים איש לנחלתו ואיש לארצו׃ 15
Na sɛ metu wɔn wie a, mɛhunu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapadeɛ ne nʼasase so.
והיה אם למד ילמדו את דרכי עמי להשבע בשמי חי יהוה כאשר למדו את עמי להשבע בבעל ונבנו בתוך עמי׃ 16
Na sɛ wɔsua me nkurɔfoɔ akwan yie na wɔbɔ me din ka ntam sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi’ a, ɛwom sɛ mmerɛ bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔde Baal kaa ntam deɛ, nanso wɔn ase bɛtim wɔ me nkurɔfoɔ mu.
ואם לא ישמעו ונתשתי את הגוי ההוא נתוש ואבד נאם יהוה׃ 17
Nanso, sɛ ɔman bi antie a, mɛtu nʼase, na masɛe no korakora,” Awurade na ɔseɛ.

< ירמיה 12 >