< שמות 6 >
ויאמר יהוה אל משה עתה תראה אשר אעשה לפרעה כי ביד חזקה ישלחם וביד חזקה יגרשם מארצו׃ | 1 |
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wobɛhunu deɛ mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfoɔ no akɔ. Nokorɛm, mɛhyɛ no ama wapam wɔn afiri asase no so.”
וידבר אלהים אל משה ויאמר אליו אני יהוה׃ | 2 |
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mene Awurade no.
וארא אל אברהם אל יצחק ואל יעקב באל שדי ושמי יהוה לא נודעתי להם׃ | 3 |
Meyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfoɔ. Nanso, mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn.
וגם הקמתי את בריתי אתם לתת להם את ארץ כנען את ארץ מגריהם אשר גרו בה׃ | 4 |
Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔhoɔ no bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ.
וגם אני שמעתי את נאקת בני ישראל אשר מצרים מעבדים אתם ואזכר את בריתי׃ | 5 |
Afei, mate Israelfoɔ apinisie ne nya a Misraimfoɔ di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no.
לכן אמר לבני ישראל אני יהוה והוצאתי אתכם מתחת סבלת מצרים והצלתי אתכם מעבדתם וגאלתי אתכם בזרוע נטויה ובשפטים גדלים׃ | 6 |
“Enti, ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwanwadeɛ de ayi wɔn afiri nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.
ולקחתי אתכם לי לעם והייתי לכם לאלהים וידעתם כי אני יהוה אלהיכם המוציא אתכם מתחת סבלות מצרים׃ | 7 |
Mɛgye wɔn atom sɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn a wagye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam no.
והבאתי אתכם אל הארץ אשר נשאתי את ידי לתת אתה לאברהם ליצחק וליעקב ונתתי אתה לכם מורשה אני יהוה׃ | 8 |
Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapadeɛ. Mene Awurade no.’”
וידבר משה כן אל בני ישראל ולא שמעו אל משה מקצר רוח ומעבדה קשה׃ | 9 |
Enti, Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, ɛsiane abasamutuo a ɛfiri ɔhyɛ ntrasoɔ enti.
וידבר יהוה אל משה לאמר׃ | 10 |
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
בא דבר אל פרעה מלך מצרים וישלח את בני ישראל מארצו׃ | 11 |
“Sane kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔ.”
וידבר משה לפני יהוה לאמר הן בני ישראל לא שמעו אלי ואיך ישמעני פרעה ואני ערל שפתים׃ | 12 |
Nanso, Mose kaa sɛ, “Dabi, afei deɛ, me ara me nkurɔfoɔ no rentie asɛm a mɛka biara bio. Na mʼano nso nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na matumi akasa ama atɔ Farao asom?”
וידבר יהוה אל משה ואל אהרן ויצום אל בני ישראל ואל פרעה מלך מצרים להוציא את בני ישראל מארץ מצרים׃ | 13 |
Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsane nkɔ Israelfoɔ no ne Farao a ɔyɛ Misraimfoɔ ɔhene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim asase so nkɔ.
אלה ראשי בית אבתם בני ראובן בכר ישראל חנוך ופלוא חצרון וכרמי אלה משפחת ראובן׃ | 14 |
Nnipa a na wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no edin na ɛdidi so yi: Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmammarima yɛ: Hanok, Palu, Hesron, Karmi. Yeinom na wɔwoo Ruben asefoɔ.
ובני שמעון ימואל וימין ואהד ויכין וצחר ושאול בן הכנענית אלה משפחת שמעון׃ | 15 |
Simeon mmammarima: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne maame yɛ Kanaanni. Yeinom na wɔwoo Simeon asefoɔ.
ואלה שמות בני לוי לתלדתם גרשון וקהת ומררי ושני חיי לוי שבע ושלשים ומאת שנה׃ | 16 |
Lewi mmammarima: Gerson, Kohat, Merari. (Lewi dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)
בני גרשון לבני ושמעי למשפחתם׃ | 17 |
Gerson mmammarima: Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti.
ובני קהת עמרם ויצהר וחברון ועזיאל ושני חיי קהת שלש ושלשים ומאת שנה׃ | 18 |
Kohat mmammarima: Amram, Ishar, Hebron, Usiel. (Kohat dii mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.)
ובני מררי מחלי ומושי אלה משפחת הלוי לתלדתם׃ | 19 |
Merari mmammarima: Mahli, Musi. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no no yɛ Lewi abusuafoɔ.
ויקח עמרם את יוכבד דדתו לו לאשה ותלד לו את אהרן ואת משה ושני חיי עמרם שבע ושלשים ומאת שנה׃ | 20 |
Amram waree nʼagya nuabaa Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron. (Amram dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)
ובני יצהר קרח ונפג וזכרי׃ | 21 |
Ishar mmammarima: Kora, Nefeg, Sikri.
ובני עזיאל מישאל ואלצפן וסתרי׃ | 22 |
Usiel mmammarima: Misael, Elsafan, Sitri.
ויקח אהרן את אלישבע בת עמינדב אחות נחשון לו לאשה ותלד לו את נדב ואת אביהוא את אלעזר ואת איתמר׃ | 23 |
Aaron waree Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabaa Wɔn mma edin nie: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.
ובני קרח אסיר ואלקנה ואביאסף אלה משפחת הקרחי׃ | 24 |
Kora mmammarima: Asir, Elkana, Abiasaf. Yeinom ne Kora asefoɔ.
ואלעזר בן אהרן לקח לו מבנות פוטיאל לו לאשה ותלד לו את פינחס אלה ראשי אבות הלוים למשפחתם׃ | 25 |
Aaron babarima Eleasa waree Putiel mmammaa no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako. Nnipa a wɔabobɔ wɔn edin yi ne wɔn a na wɔtuatua Lewifoɔ mmusuakuo no ano.
הוא אהרן ומשה אשר אמר יהוה להם הוציאו את בני ישראל מארץ מצרים על צבאתם׃ | 26 |
Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔyi Israelfoɔ nyinaa mfiri Misraim asase so” no.
הם המדברים אל פרעה מלך מצרים להוציא את בני ישראל ממצרים הוא משה ואהרן׃ | 27 |
Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔsrɛɛ no ɛkwan sɛ ɔmma wɔnni Israelfoɔ no anim nyi wɔn mfiri asase no so.
ויהי ביום דבר יהוה אל משה בארץ מצרים׃ | 28 |
Ɛda a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no,
וידבר יהוה אל משה לאמר אני יהוה דבר אל פרעה מלך מצרים את כל אשר אני דבר אליך׃ | 29 |
ɔkaa sɛ, “Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim ɔhempɔn no.”
ויאמר משה לפני יהוה הן אני ערל שפתים ואיך ישמע אלי פרעה׃ | 30 |
Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio sɛ “Mʼano nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?”