< Romanoj 9 >
1 Mi diras la veron en Kristo, mi ne mensogas, kaj mia konscienco atestas kun mi per la Sankta Spirito,
Mereka nokorɛ sɛ Kristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanseɛ kyerɛ me sɛ menni atorɔ.
2 ke mi havas grandan malĝojon kaj senĉesan doloron en la koro.
Medi awerɛhoɔ na mete daa yea wɔ me akoma mu ma me nkurɔfoɔ.
3 Ĉar mi volus, ke mi estu anatemita for de Kristo por miaj fratoj, miaj parencoj laŭ la karno;
Wɔn enti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔte me firi Kristo ho.
4 kiuj estas Izraelidoj, kies estas la adopto kaj la gloro kaj la interligoj kaj la leĝdono kaj la Diservo kaj la promesoj;
Wɔyɛ Onyankopɔn manfoɔ a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asane atena nʼanimuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɛkwan pa a wɔfa so som ma wɔn nsa kaa bɔhyɛ no.
5 kies estas la patroj, kaj el kiuj laŭ la karno estas Kristo, kiu estas super ĉiuj, Dio benata eterne. Amen. (aiōn )
Wɔyɛ tete agyanom asefoɔ, na ɛsiane sɛ Kristo baa onipasu mu enti, ɔyɛ wɔn aseni. Ayɛyie nka Onyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so otumfoɔ no daadaa. Amen. (aiōn )
6 Sed la afero ne estas, kvazaŭ la vorto de Dio estus neniiĝinta. Ĉar ne ĉiuj estas Izrael, kiuj estas el Izrael;
Mennka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ Israelfoɔ nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfoɔ.
7 nek, ĉar ili estas idoj de Abraham, ĉiuj estas filoj, sed: Per Isaak oni nomos vian idaron.
Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefoɔ nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛ.”
8 Tio estas, ne la filoj de la karno estas la filoj de Dio, sed la filoj de la promeso estas rigardataj kiel idaro.
Yei kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom, wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo.
9 Ĉar jen estas la vorto de promeso: En la sama jartempo Mi venos, kaj estos filo ĉe Sara.
Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka sɛ, “Ampa ara, mɛsane aba wo nkyɛn bio ɛberɛ a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no.
10 Kaj plue, kiam Rebeka ankaŭ gravediĝis per unu, nia patro Isaak
Ɛnyɛ yei nko. Rebeka mma baanu no nyinaa firi agya korɔ a ɔne yɛn agya Isak.
11 (ĉar la infanoj ankoraŭ ne naskiĝis, nek faris ion bonan aŭ malbonan, por ke la intenco de Dio restu laŭ elekto, ne pro faroj, sed pro la alvokanto),
Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no enti,
12 estis dirite al ŝi: La pli granda servos la malpli grandan.
ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa yei ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti, na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛeɛ so,
13 Kiel estas skribite: Mi ekamis Jakobon, sed Esavon Mi malamis.
sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Medɔɔ Yakob na metanee Esau” no.
14 Kion do ni diru? Ĉu estas maljusteco ĉe Dio? Nepre ne!
Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? Dabi!
15 Ĉar Li diris al Moseo: Mi favorkoros tiun, kiun Mi favorkoros, kaj Mi kompatos tiun, kiun Mi kompatos.
Ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ.”
16 Tial do tio apartenas ne al tiu, kiu volas, nek al tiu, kiu kuras, sed al Dio, kiu kompatas.
Yei kyerɛ sɛ, ɛnnyina deɛ obi pɛ so anaa ne nnwuma so, na mmom ɛgyina Onyankopɔn ahummɔborɔ so.
17 Ĉar la Skribo diras al Faraono: Nur por tio Mi vin konservis, ke Mi montru sur vi Mian forton, kaj por ke oni rakontu pri Mia nomo sur la tuta tero.
Atwerɛsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei ara enti na mesii wo ɔhene nam so daa me tumi adi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ ewiase afanan nyinaa.”
18 Tial Li favorkoras ĉiun, kiun Li volas; kaj ĉiun, kiun Li volas, Li obstinigas.
Ɛnneɛ Onyankopɔn hunu deɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na deɛ ɔpɛ sɛ ɔma no yɛ asoɔden nso ɔma no yɛ saa.
19 Vi do diras al mi: Kial Li ankoraŭ riproĉas? Ĉar kiu rezistas al Lia volo?
Afei, obi bɛbisa sɛ, “Sɛ yɛntumi nsi Onyankopɔn pɛ ho ɛkwan a, adɛn enti na ɔbɔ yɛn soboɔ?”
20 Sed antaŭ tio, ho viro, kiu vi estas, ke vi respondas kontraŭ Dio? Ĉu faritaĵo diros al sia farinto: Kial vi faris min tiel?
Onua, wone hwan a wobɛtumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kukuo mmisa ne nwomfoɔ sɛ, “Adɛn enti na wonwonoo me sei?”
21 Aŭ ĉu la potfaristo ne havas rajton super la argilo, el la sama maso fari jen vazon por honoro, kaj jen vazon por malhonoro?
Ɔnwomfoɔ no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔde dɔteɛ no nwono deɛ ɔpɛ biara. Ɔtumi nwono nkukuo mmienu firi dɔteɛ mu, na ɔde mu baako adi dwuma titire bi, na ɔde baako no nso ayɛ deɛ ɔpɛ biara.
22 Kiel do, se Dio, volante elmontri Sian koleron kaj konatigi Sian potencon, toleris kun plena pacienco vazojn de kolero, taŭgajn por pereo;
Saa ara na adeɛ biara a Onyankopɔn ayɛ no teɛ. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuo adi na ɔma wɔhunu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ɔfiri nʼabufuhyeɛ mu rebɛsɛe wɔn.
23 kaj por ke Li konatigu la riĉon de Sia gloro sur vazojn de favoro, kiujn Li antaŭe pretigis por gloro,
Ɔyɛɛ yei de kyerɛɛ sɛdeɛ nʼanimuonyam no teɛ, ɛberɛ a ɔnyaa ayamhyehyeɛ maa wɔn a wayi wɔn dada sɛ wɔmmɛyɛ nʼanimuonyam no fafafoɔ.
24 nome nin, kiujn Li ankaŭ vokis, ne nur el la Judoj, sed ankaŭ el la nacianoj?
Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn firii Yudafoɔ mu nkoa, na mmom, amanamanmufoɔ nso.
25 Kiel Li diras ankaŭ en Hoŝea: La popolon ne Mian Mi nomos Mia popolo, Kaj la neamatinon amatino.
Wɔka wɔ Hosea nwoma mu sɛ, “Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me nkurɔfoɔ no ‘me nkurɔfoɔ’, na deɛ ɔnyɛ me dɔfoɔ no mɛfrɛ no ‘me dɔfoɔ,’”
26 Kaj sur la sama loko, kie estis al ili dirite: Vi ne estas Mia popolo, Tie oni nomos ilin infanoj de la vivanta Dio.
na “Beaeɛ korɔ no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’”
27 Kaj Jesaja krias pri Izrael: Se la nombro de la filoj de Izrael eĉ estos kiel la apudmara sablo, la restintoj saviĝos;
Na Yesaia dii Israelfoɔ ho yea sɛ, “Sɛ Israelfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea mpo a, wɔn mu kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa.
28 ĉar la Sinjoro efektivigos Sian vorton en la mondo, akcelante kaj tranĉe mallongigante ĝin.
Ɛfiri sɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛyɛ deɛ wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.”
29 Kiel Jesaja diris antaŭe: Se la Eternulo Cebaot ne lasus al ni restaĵon, Ni fariĝus kiel Sodom, ni similiĝus al Gomora.
Yesaia nso kaa sɛ, “Sɛ Awurade Otumfoɔ no annya yɛn asefoɔ a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.”
30 Kion do ni diru? Ke la nacianoj, kiuj ne sekvis justecon, atingis justecon, la justecon, kiu estas el fido;
Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufoɔ a wɔanhwehwɛ tenenee akyiri kwan no nam gyidie so yɛɛ ateneneefoɔ;
31 sed ke Izrael, sekvante la leĝon de justeco, ne atingis tiun leĝon.
Nanso, Israelfoɔ a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so bɛsɔ Onyankopɔn ani no mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu.
32 Kial? Ĉar ili sekvis ĝin ne per fido, sed kvazaŭ per faroj. Ili falpuŝiĝis ĉe la ŝtono de falpuŝiĝo;
Adɛn enti na ɛbaa saa? Ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so sɔ Onyankopɔn ani, nanso, mmom anka ɛsɛ sɛ wɔnya gyidie wɔ Onyankopɔn mu. Wɔsuntii “suntiboɔ” no.
33 kiel estas skribite: Jen Mi kuŝigas en Cion ŝtonon de falpuŝiĝo kaj rokon de alfrapiĝo; Kaj tiu, kiu fidos al li, ne estos hontigita.
Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Hwɛ, Mede ɛboɔ a ɛma nnipa sunti ato Sion ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase, na deɛ ɔde ne ho to no soɔ no anim rengu ase da.”