< 1 Tesalonikanoj 1 >
1 Paŭlo kaj Silvano kaj Timoteo al la eklezio de la Tesalonikanoj en Dio, la Patro, kaj la Sinjoro Jesuo Kristo: Graco al vi kaj paco.
Nwoma yi firi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no: Adom ne asomdwoeɛ nka mo.
2 Ni ĉiam dankas Dion pri vi ĉiuj, memorigante pri vi en niaj preĝoj;
Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo wɔ yɛn mpaeɛbɔ mu nso.
3 memorante senĉese vian laboron de fido kaj penadon de amo kaj paciencon de espero al nia Sinjoro Jesuo Kristo, antaŭ nia Dio kaj Patro;
Ɛfiri sɛ, yɛkae mo gyidie a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma motumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidasoɔ denden a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Onyankopɔn ne Agya no anim.
4 sciante, fratoj, amataj de Dio, vian elekton,
Anuanom, yɛnim sɛ Onyankopɔn dɔ mo enti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne deɛ no.
5 ĉar nia evangelio venis al vi ne nur parole, sed ankaŭ kun potenco kaj kun la Sankta Spirito kaj plena certigo; vi scias, kiaj homoj ni ĉe vi montriĝis pro vi.
Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa, na mmom, yɛgyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokorɛ mu gyidie so. Monim nnipa ko a na yɛyɛ ɛne sɛdeɛ yɛboaa mo.
6 Kaj vi fariĝis imitantoj de ni kaj de la Sinjoro, ricevinte la vorton en multe da aflikto, kun ĝojo de la Sankta Spirito;
Mosuasuaa yɛn ne Awurade; na ɛwom sɛ mohunuu amane deɛ, nanso mode anigyeɛ a ɛfiri Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no.
7 tiel, ke vi fariĝis modelo por ĉiuj kredantoj en Makedonujo kaj en la Aĥaja lando.
Ɛnam so maa mobɛyɛɛ nhwɛsoɔ maa agyidifoɔ a wɔwɔ Makedonia ne Hela no nyinaa.
8 Ĉar de vi la vorto de la Sinjoro estas diseĥita ne nur en Makedonujo kaj la Aĥaja lando, sed en ĉiu loko via fido al Dio disvastiĝis, tiel, ke ni ne bezonas diri ion.
Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom, gyidie a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm aduru baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio.
9 Ĉar ili mem pri ni rakontas, kian alvenon ni havis ĉe vi; kaj kiel vi vin turnis al Dio for de idoloj, por servi vivantan kaj veran Dion,
Obiara kamfo sɛdeɛ mogyee yɛn ne sɛdeɛ motwee mo ho firii abosom ho kɔsom nokorɛ Onyankopɔn a ɔte ase daa no,
10 kaj atendi Lian Filon el la ĉielo, la Filon, kiun Li levis el la mortintoj, Jesuon, kiu nin savas de la estonta kolerego.
na motwɛn ne Ba a ɔfiri ɔsoro no; Yesu a ɔnyanee no firii awufoɔ mu a ɔgye yɛn firi Onyankopɔn abufuo a ɛreba no mu no.