< Isaiah 1 >

1 The visions of Isaiah, the son of Amoz, which he saw concerning Judah and Jerusalem, in the days of Uzziah, Jotham, Ahaz, and Hezekiah, kings of Judah.
Saa anisoadehunu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ so.
2 Hear, O heavens, and give ear, O earth! For Jehovah speaketh: “I have nourished and brought up children, And they have rebelled against me.
Ao, ɔsoro, montie! Ao, asase yɛ aso! Na Awurade akasa: “Matete mma ama wɔanyini, nanso wɔate me so atua.
3 The ox knoweth his owner, And the ass his master's crib; But Israel doth not know; My people do not consider.”
Nantwie nim ne wura, afunumu nso nim ne wura mmoa adididaka, nanso Israel nnim, me nkurɔfoɔ nte aseɛ.”
4 Ah, sinful nation! a people laden with iniquity! A race of evil-doers! degenerate children! They have forsaken Jehovah; they have despised the Holy One of Israel; They have gone backward.
Aa, amumuyɛ ɔman, ɔman a afɔdie adesoa ahyɛ wɔn ma, nnebɔneyɛfoɔ kuo, mma a porɔeɛ ahyɛ wɔn ma! Wɔatwe wɔn ho afiri Awurade ho; Wɔapo Israel Kronkronni no, wɔadane wɔn akyi akyerɛ no.
5 Where can ye be smitten again, Since ye renew your rebellion? The whole head is sick, and the whole heart faint;
Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo? Adɛn enti na moda so te atua? Wɔapira mo tiri, na mo akoma nso di yea.
6 From the sole of the foot even to the head, there is no soundness in it; It is all bruises, and stripes, and flesh wounds, Neither pressed, nor bound up, nor softened with ointment.
Ɛfiri mo nan ase kɔsi mo tiri so ahomeka biara nni mu, apirakuro ne nsoasoaeɛ nko ara akuro a anim deda hɔ na wɔnhohoro so anaa Wɔnkyekyereeɛ anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so.
7 Your country is desolate; Your cities are burnt with fire; Your ground, strangers devour it before your eyes; It is become desolate, destroyed by an enemy.
Mo ɔman ada mpan, wɔde ogya ahyehye mo nkuropɔn; ananafoɔ regye mo mfuo a mo ani tua, na asɛe sɛdeɛ ɛyɛɛ ɛberɛ a ahɔhoɔ tuu mo guiɛ no.
8 And the daughter of Zion is left as a shed in a vineyard, As a hut in a garden of cucumbers, As a besieged city.
Wɔagya Ɔbabaa Sion te sɛ bobe turo mu sese te sɛ akuraa a ɛsi ɛferɛ afuo mu, te sɛ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia.
9 Had not Jehovah of hosts left us a small remnant, We had soon become as Sodom; We had been like to Gomorrah.
Sɛ Awurade tumfoɔ no annya yɛn asefoɔ a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.
10 Hear ye the word of Jehovah, ye princes of Sodom! Give ear to the instruction of our God, ye people of Gomorrah!
Montie Awurade asɛm, mo Sodom sodifoɔ; montie yɛn Onyankopɔn mmara, mo Gomorafoɔ!
11 What to me is the multitude of your sacrifices? saith Jehovah; I am satiated with burnt-offerings of rams, and the fat of fed beasts; In the blood of bullocks and of lambs and of goats I have no delight.
“Mo afɔrebɔ ahodoɔ bebree no, ɛdeɛn na ɛyɛ ma me?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mewɔ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma ɛboro so, deɛ ɛyɛ nnwennini ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ; mʼani nnye anantwinini, nnwammaa ne mpapo mogya ho.
12 When ye come to appear before me, Who hath required this of you, to tread my courts?
Sɛ moba mʼanim a hwan na ɔbisa yei firi mo hɔ? Hwan na ɔsomaa mo sɛ monnantenante me efie yi?
13 Bring no more false oblations! Incense is an abomination to me, The new moon also, and the sabbath, and the calling of the assembly; Iniquity and festivals I cannot endure.
Monnyae afɔrebɔdeɛ a mode ba a ɛmfra no! Mo aduhwam yɛ me tan. Ɔbosome foforɔ, home nna ne nhyiamu ahodoɔ ne mo nhyiamu fi no afono me.
14 Your new moons and your feasts my soul hateth; They are a burden to me; I am weary of bearing them.
Mo bosome foforɔ afahyɛ ne mo apontoɔ a moahyehyɛ no, me kra kyiri. Ayɛ adesoa ama me; masoa mabrɛ.
15 When ye spread forth your hands, I will hide mine eyes from you; Yea, when ye multiply prayers, I will not hear: Your hands are full of blood!
Sɛ mopagya mo nsa bɔ mpaeɛ a, mɛyi mʼani ato nkyɛn. Sɛ mobɔ mpaeɛ bebree mpo a merentie. “Mogya bebree agu mo nsa ho fi.
16 Wash you; make you clean; Put away your evil doings from before mine eyes;
“Monnwira mo ho na mo ho nte. Monnyi mo nnebɔne mfiri mʼani so! Monnyae bɔne yɛ.
17 Cease to do evil; Learn to do well; Seek justice; relieve the oppressed; Defend the fatherless; plead for the widow!
Monyɛ papa; monhwehwɛ atɛntenenee Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran. Monni mma nwisiaa, monka akunafoɔ nsɛm mma wɔn.
18 Come, now, and let us argue together, saith Jehovah. Though your sins be as scarlet, they shall be as white as snow; Though they be red as crimson, they shall be like wool.
“Afei mommra na yɛnnwene mmɔ mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Sɛ mo bɔne te sɛ kɔben a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa foturo.
19 If ye be willing and obedient, Ye shall consume the good of the land.
Sɛ mopene so na moyɛ ɔsetie a, mobɛdi asase no so nnepa.
20 But if ye refuse, and be rebellious, The sword shall consume you; For the mouth of Jehovah hath said it.
Na sɛ moampene na mote atua a, akofena bɛdi mo nam.” Awurade na wakasa.
21 How is the faithful city become a harlot, She that was full of equity! Once justice dwelt in her, but now murderers!
Hwɛ sɛdeɛ kuropɔn nokwafoɔ no adane odwamanfoɔ. Ɛberɛ bi na atɛntenenee ahyɛ no ma na anka tenenee te ne mu, nanso seesei awudifoɔ ahyɛ mu ma!
22 Thy silver is become dross; Thy wine is adulterated with water.
Wo dwetɛ adane adeɛ a ɛho nni mfasoɔ, wɔde nsuo afra wo nsã papa mu.
23 Thy princes are faithless, companions of thieves; Every one of them loveth gifts, and seeketh rewards; They render not justice to the fatherless, And the cause of the widow cometh not before them.
Wo sodifoɔ yɛ atuatefoɔ, akorɔmfoɔ yɔnkonom; wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ, na wɔpere akyɛdeɛ ho. Wɔnni mma nwisiaa; na akunafoɔ nsɛm nkɔ wɔn anim.
24 Wherefore, thus saith the Lord, Jehovah of hosts, the Mighty One of Israel: Ha! I will ease me of mine adversaries, And avenge me of mine enemies.
Enti, Awurade, Otumfoɔ Awurade, deɛ ɔyɛ Kɛseɛ ma Israel no ka sɛ, “Aa, mɛnya ahomegyeɛ afiri mʼatamfoɔ hɔ na matɔ wɔn so were.
25 And I will again turn my hand toward thee, And wholly purge away thy dross, And take away all thy alloy.
Mɛma me nsa so, atia mo; mɛhohoro wo ho fi korakora na mayi mo ho nkekaawa nyinaa.
26 And I will restore thee judges, as at the first, And counsellors, as at the beginning. Then shalt thou be called the city of righteousness, the faithful city.
Mɛma mo atemmufoɔ bio sɛ kane no, ne mo afutufoɔ sɛdeɛ na ɛteɛ, ahyɛaseɛ no. Yei akyi no, wɔbɛfrɛ wo Kuropɔn Tenenee Kuropɔn Nokwafoɔ.”
27 Through justice shall Zion be delivered, And her reformed sons through righteousness.
Wɔde atɛntenenee bɛgye Sion bio, na wɔn a wɔnu wɔn ho no, wɔde tenenee bɛgye wɔn.
28 But destruction shall fall at once on the rebels and sinners; Yea, they that forsake Jehovah shall be consumed.
Nanso atuatefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ deɛ, wɔbɛdwɛre wɔn abɔ mu, na wɔn a wɔpa Awurade akyi bɛyera.
29 For ye shall be ashamed of the terebinths in which ye delighted; Ye shall blush for the gardens which ye loved;
“Mo ani bɛwu ɛsiane odum anyame a monyaa wɔn mu anigyeɛ no; wɔbɛgu mo anim ase ɛsiane nturo a mosom abosom wɔ mu no enti.
30 And ye shall be as a terebinth-tree whose leaves are withered, And as a garden in which is no water.
Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhahan apo, ne turo a ɛnnya nsuo.
31 The strong shall become tow, And his work a spark of fire; Both shall burn together, And none shall quench them.
Ɔhoɔdenfoɔ bɛyɛ sɛ adeɛ a ɛhye ntɛm; nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya nturueɛ; ne mmienu no bɛhye abɔ mu, a obiara rentumi nnum.”

< Isaiah 1 >