< Job 1 >

1 There was a man in the land of Uz, whose name was Job, and that man was blameless and upright, and one who feared God, and turning away from evil.
Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho firi bɔne ho.
2 There were born to him seven sons and three daughters.
Na ɔwɔ mmammarima baason ne mmammaa baasa,
3 His possessions also were seven thousand sheep, three thousand camels, five hundred yoke of oxen, five hundred female donkeys, and a very great household; so that this man was the greatest of all the people of the east.
na ɔwɔ nnwan mpem nson, nyoma mpem mmiɛnsa, anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ aha enum, na ɔwɔ asomfoɔ bebree. Na ɔyɛ onipa kɛseɛ paa wɔ nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam nyinaa no mu.
4 His sons went and held a feast in the house of each one on his day; and they sent and called for their three sisters to eat and to drink with them.
Na ne mmammarima no to ɛpono nnidisoɔ nnidisoɔ wɔ wɔn afie mu, na wɔto nsa frɛ wɔn nnuammaa baasa no ne wɔn bɔ mu didi, nom.
5 It was so, when the days of their feasting had run their course, that Job sent and sanctified them, and rose up early in the morning, and offered burnt offerings according to the number of them all. For Job said, "It may be that my sons have sinned, and cursed God in their hearts." Job did so continually.
Sɛ apontoɔ nna no twam a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wɔdwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma wɔn mu biara, ɛfiri sɛ ɔdwene sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn akoma mu.” Yei yɛ dwuma a na Hiob di no ɛberɛ-ano-berɛ ano.
6 Now it happened on the day when the sons of God came to present themselves before the LORD, that Satan also came among them.
Ɛda bi, abɔfoɔ no de wɔn ho bɛkyerɛɛ Awurade, na Satan kaa wɔn ho baeɛ.
7 The LORD said to Satan, "Where have you come from?" Then Satan answered the LORD, and said, "From going back and forth on the earth, and from walking up and down on it."
Awurade bisaa Satan sɛ, “Wofiri he na wobaa ha?” Satan buaa Awurade sɛ, “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu.”
8 The LORD said to Satan, "Have you considered my servant, Job? For there is none like him in the earth, a blameless and an upright man, one who fears God, and turns away from evil."
Na Awurade bisaa Satan sɛ, “Wadwene me ɔsomfoɔ Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene, ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne.”
9 Then Satan answered the LORD, and said, "Does Job fear God for nothing?
Satan buaa Awurade sɛ, “Hiob suro Onyankopɔn kwa anaa?
10 Haven't you made a hedge around him, and around his household, and around all that he has, on every side? You have blessed the work of his hands, and his livestock have increased in the land.
Wonnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho anaa? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nnwan ne nʼanantwie ase atrɛ asase no so.
11 But put forth your hand now, and strike all that he has, and he will curse you to your face."
Na wo deɛ, tene wo nsa na sɛe deɛ ɔwɔ nyinaa, na ɔbɛgyina wʼanim na wadome wo.”
12 The LORD said to Satan, "Look, all that he has is in your power. Only do not put forth your hand on him." So Satan went forth from the presence of the LORD.
Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Ɛyɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, nanso ɔno ankasa deɛ, mfa wo nsateaa nka no.” Na Satan firii Awurade anim kɔeɛ.
13 Now the day came when his sons and his daughters were eating and drinking wine in their eldest brother's house,
Ɛda bi a Hiob mmammarima ne ne mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panin fie no,
14 that there came a messenger to Job, and said, "The oxen were plowing, and the donkeys grazing beside them,
ɔbɔfoɔ bi baa Hiob hɔ, bɛkaa sɛ, “Anantwie no refɛntɛm na mfunumu no redidi wɔ wɔn nkyɛn no,
15 and Sheba attacked, and took them away. Yes, they have killed the servants with the edge of the sword, and I alone have escaped to tell you."
Sebafoɔ bɛto hyɛɛ yɛn so, sesaa wɔn kɔɔeɛ. Wɔde afena kunkumm apaafoɔ no, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo saa amaneɛ yi.”
16 While he was still speaking, there also came another, and said, "The fire of God has fallen from the sky, and has burned up the sheep and the young men, and consumed them, and I alone have escaped to tell you."
Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Onyankopɔn ogya firi soro abɛhye wo nnwan ne wo nnwanhwɛfoɔ no nyinaa, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”
17 While he was still speaking, there came also another, and said, "The Kasdim made three bands, and swept down on the camels, and have taken them away, and killed the young men with the edge of the sword; and I alone have escaped to tell you."
Ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi bɛkaa sɛ, “Kaldeafoɔ de akorɔmfoɔ akuo mmiɛnsa baa wo nyoma so bɛsoaa wɔn kɔeɛ. Wɔde afena kunkumm asomfoɔ no na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”
18 While he was still speaking, there came also another, and said, "Your sons and your daughters were eating and drinking wine in their eldest brother's house,
Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi ba bɛkaa sɛ, “Na wo mmammarima ne wo mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panin fie,
19 and look, there came a great wind from the wilderness, and struck the four corners of the house, and it fell on the young men, and they are dead. I alone have escaped to tell you."
na prɛko pɛ, ahum bi bɔ firii ɛserɛ no so bɛdwiraa efie no ntwea ɛnan no. Efie no dwiri guu wɔn so na akunkum wɔn, na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”
20 Then Job arose, and tore his robe, and shaved his head, and fell down with his face to the ground.
Yei maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuanee nʼatadeɛ mu na ɔyii ne tirinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade
21 He said, "Naked I came out of my mother's womb, and naked shall I return there. The LORD gave, and the LORD has taken away. Blessed be the name of the LORD."
kaa sɛ, “Adagya na mede mefiri me maame yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. Awurade de maeɛ, na Awurade afa; nhyira nka Awurade din!”
22 In all this, Job did not sin, nor charge God with wrongdoing.
Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ.

< Job 1 >