< 2 Chronicles 22 >

1 The inhabitants of Jerusalem made Ahaziah his youngest son king in his place; for the band of men who came with the Arabians to the camp had slain all the eldest. So Ahaziah the son of Jehoram king of Judah reigned.
Afei, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no sii Yehoram babarima kumaa Ahasia ɔhene a ɔdi hɔ. Na Arabfoɔ afomfafoɔ akuo akunkum mmammarima mpanimfoɔ no nyinaa. Ɛno enti, Yehoram babarima kumaa Ahasia na ɔdii ɔhene wɔ Yuda.
2 Ahaziah was twenty-two years old when he began to reign, and he reigned one year in Jerusalem. And his mother's name was Athaliah, the daughter of Omri.
Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii ɔhene afe wɔ Yerusalem. Na ne maame a ɔyɛ Israelhene Omri nana no din de Atalia.
3 He also walked in the ways of the house of Ahab; for his mother was his counselor to do wickedly.
Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛeɛ no bi, ɛfiri sɛ, ne maame hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu.
4 He did that which was evil in the sight of the LORD, as did the house of Ahab; for they were his counselors after the death of his father, to his destruction.
Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no. Nʼagya wuo akyi no, Ahab abusuafoɔ na wɔbɛyɛɛ nʼafotufoɔ. Wɔn na wɔde no kɔɔ ɔsɛeɛ mu.
5 He walked also after their counsel, and went with Jehoram the son of Ahab king of Israel to war against Hazael king of Aram at Ramoth Gilead: and the Arameans wounded Joram.
Esiane wɔn afotubɔne enti, Ahasia de ne ho kɔbɔɔ ɔhene Yoram a ɔyɛ Israelhene Ahab babarima ho. Wɔtuu Aramhene Hasael so sa wɔ Ramot-Gilead. Ɔko no mu, Aramfoɔ no piraa Yoram.
6 He returned to be healed in Jezreel of the wounds which they had given him at Ramah, when he fought against Hazael king of Aram. Ahaziah the son of Jehoram king of Judah went down to see Jehoram the son of Ahab in Jezreel, because he was sick.
Yoram sane kɔɔ Yesreel kɔsaa nʼapirakuro no, na Yudahene Ahasia kɔɔ Yesreel kɔsraa no.
7 Now the destruction of Ahaziah was of God, in that he went to Joram: for when he had come, he went out with Jehoram against Jehu the son of Nimshi, whom the LORD had anointed to cut off the house of Ahab.
Na yei danee mfomsoɔ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ, ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kɔhyiaa Nimsi babarima Yehu, a na Awurade ayi no sɛ ɔntwa Ahab fie adedie ntoatoasoɔ no so.
8 It happened, when Jehu was executing judgment on the house of Ahab, that he found the princes of Judah, and the sons of the brothers of Ahaziah, ministering to Ahaziah, and killed them.
Ɛberɛ a Yehu rebu atɛn atia Ahab fie no, ɔhyiaa Yuda mpanimfoɔ ne Ahasia abusuafoɔ bi a na wɔresom Ahasia. Enti, Yehu kunkumm wɔn nyinaa.
9 He sought Ahaziah, and they caught him (now he was hiding in Samaria), and they brought him to Jehu, and killed him; and they buried him, for they said, "He is the son of Jehoshaphat, who sought the LORD with all his heart." The house of Ahaziah had no power to hold the kingdom.
Afei, Yehu mmarima hwehwɛɛ Ahasia, na wɔkɔhunuu no sɛ wakɔtɛ Samaria kuropɔn no mu. Wɔde no brɛɛ Yehu, na ɔkumm no. Wɔsiee Ahasia maa ɛyɛɛ fɛ, ɛfiri sɛ, nnipa dii ne ho adanseɛ sɛ, “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ Awurade no nana.” Ahasia abusua mu nnipa a wɔkaa akyire no mu biara amfata sɛ ɔdi ahennie no so.
10 Now when Athaliah the mother of Ahaziah saw that her son was dead, she arose and destroyed all the royal family of the house of Judah.
Ɛberɛ a Yudahene Ahasia ne maame Atalia tee sɛ ne babarima no awuo no, ɔkekaa ne ho, pɛɛ sɛ ɔsɛe Yuda adehyeɛ abusua no.
11 But Jehosheba, the daughter of the king, took Joash the son of Ahaziah, and secretly took him away from among the king's sons who were slain, and put him and his nurse in the bedroom. So Jehosheba, the daughter of king Jehoram, the wife of Jehoiada the cohen (for she was the sister of Ahaziah), hid him from Athaliah, so that she did not kill him.
Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa, faa Ahasia babarima abadomaa Yoas firii ɔhene no mma a aka a wɔrebɛkum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kɔsiee pia bi mu. Yei ne ɛkwan a ɔsɔfoɔ Yehoiada yere Yehoseba faa so de abɔfra no sieeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Atalia nnya no nkum no.
12 He was with them hidden in God's house six years: and Athaliah reigned over the land.
Yoas hyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan mu hɔ mfeɛ nsia wɔ ɛberɛ a na Atalia di ɔman no so no.

< 2 Chronicles 22 >