< Psalms 135 >
1 Hallelujah. Praise ye the name of the Lord; praise him, O ye servants of the Lord;
Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade din; monkamfo no, mo Awurade asomfo,
2 Ye that stand in the house of the Lord, in the courts of the house of our God.
mo a mosom wɔ Awurade fi, wɔ adiwo a ɛwɔ yɛn Nyankopɔn fi.
3 Hallelujah; for the Lord is good: sing praises unto his name; for it is lovely.
Monkamfo Awurade efisɛ oye; monto ayeyi nnwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ.
4 For Jacob hath the Lord chosen unto himself, Israel, as his peculiar treasure.
Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne de, wayi Israel sɛ nʼade a ɛsom bo.
5 For I well know that the Lord is great, and that our Lord is above all gods.
Minim sɛ Awurade so; Ɔso sen anyame nyinaa.
6 Whatsoever the Lord willeth, hath he done in the heavens, and on the earth, in the seas, and in all the deeps.
Awurade yɛ nea ɔpɛ biara wɔ ɔsoro ne asase so, po ne mu bun nyinaa.
7 He causeth clouds to ascend from the ends of the earth; he maketh lightnings with the rain; he bringeth forth the wind out of his treasuries.
Ɔma omununkum ma ne ho so fi asase ano ba; ɔsoma anyinam ka osu ho na ɔma ahum tu fi ne koradan mu.
8 [He it is] who smote the first-born of Egypt, both of man and of cattle;
Okum Misraim mmakan, nnipa ne mmoa mmakan.
9 Who sent signs and wonderful tokens into the midst of thee, O Egypt, against Pharaoh, and against all his servants;
Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwade baa mo mfimfini, Misraim, de tiaa Farao ne nʼasomfo nyinaa.
10 Who smote many nations, and slew mighty kings;
Ɔsɛee amanaman pii, na okunkum ahemfo akɛse,
11 Sichon the king of the Emorites, and 'Og the king of Bashan, and all the kingdoms of Canaan;
Amorifo hene, Sihon Basan hene, Og ne Kanaan ahemfo nyinaa,
12 And gave their land as an inheritance, an inheritance unto Israel his people.
na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapade ɔde maa ne nkurɔfo Israelfo.
13 O Lord, thy name [endureth] for ever: O Lord, thy memorial is throughout all generations.
Awurade, wo din wɔ hɔ daa. Awurade wo din ahyeta awo ntoatoaso nyinaa mu.
14 For the Lord will espouse the cause of his people, and concerning his servants will he bethink himself.
Awurade bedi ama ne nkurɔfo na obehu nʼasomfo mmɔbɔ.
15 The idols of the nations are silver and gold, the work of the hands of men.
Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔde onipa nsa na ayɛ.
16 Mouths they have, but they speak not; eyes they have, but they see not;
Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa, wɔwɔ ani, nanso wonhu ade;
17 Ears they have, but they hear not; neither is there any breath in their mouth.
wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm, na ɔhome nso nni wɔn anom.
18 Like them are those that make them, every one that trusteth in them.
Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.
19 O house of Israel, bless ye the Lord; O house of Aaron, bless ye the Lord.
Monkamfo Awurade, mo Israelfo nyinaa; monkamfo Awurade, Aaron fi;
20 O house of Levi, bless ye the Lord; ye that fear the Lord, bless the Lord.
monkamfo Awurade, Lewi fi; monkamfo Awurade, mo a musuro no.
21 Blessed be the Lord out of Zion, even he that resideth at Jerusalem. Hallelujah.
Mumfi Sion nkamfo Awurade, monkamfo nea ɔte Yerusalem no. Monkamfo Awurade.