< Leviticus 21 >
1 And the LORD said unto Moses: Speak unto the priests the sons of Aaron, and say unto them: There shall none defile himself for the dead among his people;
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron mma asɔfo no se, ‘wonnso funu mu mfa ngu wɔn ho fi.
2 except for his kin, that is near unto him, for his mother, and for his father, and for his son, and for his daughter, and for his brother;
Sɛ wobeso funu mu a, na ɛyɛ wɔn fini, sɛ ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabea, onuabarima
3 and for his sister a virgin, that is near unto him, that hath had no husband, for her may he defile himself.
anaa onuabea a ɔyɛ ɔbabun a onni kunu na ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfo no.
4 He shall not defile himself, being a chief man among his people, to profane himself.
Ɛnsɛ sɛ ɔware ne busuani bi na ɔfa so gu ne ho fi.
5 They shall not make baldness upon their head, neither shall they shave off the corners of their beard, nor make any cuttings in their flesh.
“‘Asɔfo no nni ho kwan sɛ wɔbɔ tikwaw, yi wɔn abogyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho.
6 They shall be holy unto their God, and not profane the name of their God; for the offerings of the LORD made by fire, the bread of their God, they do offer; therefore they shall be holy.
Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wogu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduan afɔre ama Awurade wɔn Nyankopɔn.
7 They shall not take a woman that is a harlot, or profaned; neither shall they take a woman put away from her husband; for he is holy unto his God.
“‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo ware oguamanfo anaa ɔbea bi a ofi ɔman foforo so. Onni ho kwan sɛ ɔware ɔbea bi a wagyae aware, efisɛ ɔsɔfo yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn.
8 Thou shalt sanctify him therefore; for he offereth the bread of thy God; he shall be holy unto thee; for I the LORD, who sanctify you, am holy.
Wɔayi ɔsɔfo no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Nyankopɔn afɔre; ɔyɛ kronkron na me Awurade a metew mo ho ma moyɛ kronkron no nso meyɛ kronkron.
9 And the daughter of any priest, if she profane herself by playing the harlot, she profaneth her father: she shall be burnt with fire.
“‘Ɔsɔfo babea biara a ɔbɛbɔ aguaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no.
10 And the priest that is highest among his brethren, upon whose head the anointing oil is poured, and that is consecrated to put on the garments, shall not let the hair of his head go loose, nor rend his clothes;
“‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanyin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atade sononko no gyaa ne tinwi a onni no ni anaasɛ ebetwa ne ntama mu.
11 neither shall he go in to any dead body, nor defile himself for his father, or for his mother;
Onni ho kwan sɛ ɔkɔ beae a funu da hɔ; nʼagya anaa ne na funu koraa, onni ho kwan sɛ ɔkɔ ho na ɔde agu ne ho fi
12 neither shall he go out of the sanctuary, nor profane the sanctuary of his God; for the consecration of the anointing oil of his God is upon him: I am the LORD.
anaa nso sɛ ogu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɛnsɛ sɛ ofi adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa me kronkronbea no sɛ ofi bi kɛkɛ, efisɛ ne Nyankopɔn ngo a wɔde tew ne ho no da so wɔ ne so. Mene Awurade.
13 And he shall take a wife in her virginity.
“‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbabun.
14 A widow, or one divorced, or a profaned woman, or a harlot, these shall he not take; but a virgin of his own people shall he take to wife.
Ɛnsɛ se ɔware okunafo anaa ɔbea bi a wagyae aware anaa oguamanfo. Ɛsɛ sɛ ɔbea a ɔbɛware no no yɛ ɔbabun a ofi ne man mu,
15 And he shall not profane his seed among his people; for I am the LORD who sanctify him.
sɛnea ɛbɛyɛ a ongu ne mma ho fi wɔ ne nkurɔfo mu. Mene Awurade a metew ne ho no.’”
16 And the LORD spoke unto Moses, saying:
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
17 Speak unto Aaron, saying: Whosoever he be of thy seed throughout their generations that hath a blemish, let him not approach to offer the bread of his God.
“Ka kyerɛ Aaron se, efi awo ntoatoaso a ɛbɛba no so rekɔ no, wʼaseni biara a wadi dɛm no nni ho kwan sɛ ɔbɔ Onyankopɔn afɔre.
18 For whatsoever man he be that hath a blemish, he shall not approach: a blind man, or a lame, or he that hath any thing maimed, or anything too long,
Obi a wadi dɛm mmɛn me: onifuraefo anaa apakye anaa nea ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ;
19 or a man that is broken-footed, or broken-handed,
obi a ɔyɛ abasin anaa nansin,
20 or crook-backed, or a dwarf, or that hath his eye overspread, or is scabbed, or scurvy, or hath his stones crushed;
anaa nea ɔyɛ afu anaa akwatia anaa nea nʼani nye anaa nea kuru atutu no anaa nea ɔyɛ twow.
21 no man of the seed of Aaron the priest, that hath a blemish, shall come nigh to offer the offerings of the LORD made by fire; he hath a blemish; he shall not come nigh to offer the bread of his God.
Ɔsɔfo Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyew afɔre mma Awurade. Wadi dɛm, ɛno nti ɛnsɛ sɛ otwiw bɛn sɛ ɔde ne Nyankopɔn aduan rebrɛ no.
22 He may eat the bread of his God, both of the most holy, and of the holy.
Nanso sɛ wɔbɔ afɔre no wie a, ɔsɔfo no tumi ma no Onyankopɔn afɔre no aduan no bi di a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ afɔre kronkron.
23 Only he shall not go in unto the veil, nor come nigh unto the altar, because he hath a blemish; that he profane not My holy places; for I am the LORD who sanctify them.
Nanso ne dɛm no nti, onni ho kwan sɛ ɔkɔ ntwamtam no akyi anaa ɔbɛn afɔremuka no. Eyi begu me kronkronbea hɔ ho fi na ɛyɛ Awurade na watew hɔ ho.”
24 So Moses spoke unto Aaron, and to his sons, and unto all the children of Israel.
Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa.