< Joshua 2 >

1 And Joshua the son of Nun sent out of Shittim two spies secretly, saying: 'Go view the land, and Jericho.' And they went, and came into the house of a harlot whose name was Rahab, and lay there.
Afei, Yosua somaa akwansrafo baanu wɔ kokoa mu fii Israelfo atenae a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titiriw nea atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu koduu oguamanfo bi a ne din de Rahab fi, na wɔtenaa hɔ anadwo no.
2 And it was told the king of Jericho, saying: 'Behold, there came men in hither to-night of the children of Israel to search out the land.'
Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene se, “Anadwo yi ara, Israelfo no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.”
3 And the king of Jericho sent unto Rahab, saying: 'Bring forth the men that are come to thee, that are entered into thy house; for they are come to search out all the land.'
Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafo a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so atow ahyɛ yɛn so.”
4 And the woman took the two men, and hid them; and she said: 'Yea, the men came unto me, but I knew not whence they were;
Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buae se, “Mmarima no baa me ha de, nanso minnim faako a wofi bae.
5 and it came to pass about the time of the shutting of the gate, when it was dark, that the men went out; whither the men went I know not; pursue after them quickly; for ye shall overtake them.'
Ade reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apon mu no na wɔkɔe, nso manhu faako a wɔfae. Sɛ moyɛ ntɛm tiw wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.”
6 But she had brought them up to the roof, and hid them with the stalks of flax, which she had spread out upon the roof.
(Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɔdan atifi, akohintaw ɔfo a waboa ano akuwakuw ase.)
7 And the men pursued after them the way to the Jordan unto the fords; and as soon as they that pursued after them were gone out, the gate was shut.
Enti, ɔhene asomafo no sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ akwansrafo no wɔ ɔkwan a ɛkɔ Asubɔnten Yordan asutwabea hɔ. Asomafo no fi hɔ ara pɛ na wɔtotoo kuropɔn no apon mu.
8 And before they were laid down, she came up unto them upon the roof;
Ansa na akwansrafo no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɔdan no atifi ne wɔn kɔkasae se,
9 and she said unto the men: 'I know that the LORD hath given you the land, and that your terror is fallen upon us, and that all the inhabitants of the land melt away before you.
“Minim sɛ Awurade de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa.
10 For we have heard how the LORD dried up the water of the Red Sea before you, when ye came out of Egypt; and what ye did unto the two kings of the Amorites, that were beyond the Jordan, unto Sihon and to Og, whom ye utterly destroyed.
Yɛate sɛnea Awurade maa Po Kɔkɔɔ no yow ma munyaa kwan faa mu bere a mufii Misraim no. Na yenim sɛnea moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifo ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no ne sɛnea mosɛee wɔn nkurɔfo pasaa no.
11 And as soon as we had heard it, our hearts did melt, neither did there remain any more spirit in any man, because of you; for the LORD your God, He is God in heaven above, and on earth beneath.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn koma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sɛɛ a, ɔbɛko. Na Awurade, mo Nyankopɔn no, ne otumfo Nyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro ne asase ase.
12 Now therefore, I pray you, swear unto me by the LORD, since I have dealt kindly with you, that ye also will deal kindly with my father's house — and give me a true token —
“Enti momfa Awurade nka ntam nkyerɛ me se, esiane sɛ maboa mo nti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafo adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so se,
13 and save alive my father, and my mother, and my brethren, and my sisters, and all that they have, and deliver our lives from death.'
moko fa Yeriko a, morenkum me ne mʼagya ne me na, me nuabarimanom ne nuabeanom ne wɔn ho nnipa nyinaa.”
14 And the men said unto her: 'Our life for yours, if ye tell not this our business; and it shall be, when the LORD giveth us the land, that we will deal kindly and truly with thee.'
Mmarima no penee so kae se, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ Awurade de asase no ma yɛn a, yebedi yɛn bɔhyɛ so.”
15 Then she let them down by a cord through the window; for her house was upon the side of the wall, and she dwelt upon the wall.
Esiane sɛ wosii Rahab fi sii kurow no fasu so nti, ɔde hama sian wɔn faa mfɛnsere mu maa wosii fam.
16 And she said unto them: 'Get you to the mountain, lest the pursuers light upon you; and hide yourselves there three days, until the pursuers be returned; and afterward may ye go your way.'
Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munguan mfa bepɔw so man no so. Momfa mo ho nsie nnansa kosi sɛ atiwfo no a wɔrehwehwɛ mo no bɛsan wɔn akyi ansa na moakɔ mo kwan.”
17 And the men said unto her: 'We will be guiltless of this thine oath which thou hast made us to swear.
Ansa na mmarima no bɛkɔ no, wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛbɛbɔ mo nkwa ho ban
18 Behold, when we come into the land, thou shalt bind this line of scarlet thread in the window which thou didst let us down by; and thou shalt gather unto thee into the house thy father, and thy mother, and thy brethren, and all thy father's household.
na mmom, gyaw hama kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mfɛnsere ano no na ma wʼabusuafo a ɛyɛ wʼagya, wo na, wo nuabarimanom ne wɔn abusuafo nyinaa mmɛhyɛ ofi no mu a wɔnnkɔ baabiara.
19 And it shall be, that whosoever shall go out of the doors of thy house into the street, his blood shall be upon his head, and we will be guiltless; and whosoever shall be with thee in the house, his blood shall be on our head, if any hand be upon him.
Sɛ wopue si abɔnten a, wobekum wɔn nyinaa na obi ntumi mmɔ yɛn sobo sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ ofi yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso renteɛ ne nsa wɔ wɔn so.
20 But if thou utter this our business, then we will be guiltless of thine oath which thou hast made us to swear.'
Na sɛ wudi yɛn huammɔ de a, ntam yi nnkyekyere yɛn ɔkwan biara so.”
21 And she said: 'According unto your words, so be it.' And she sent them away, and they departed; and she bound the scarlet line in the window.
Ɔbea no buae se, “Mepene mo nhyehyɛe no nyinaa so.” Ogyaa wɔn kwan, bere a hama kɔkɔɔ no sɛn ofi no mfɛnsere no ano.
22 And they went, and came unto the mountain, and abode there three days, until the pursuers were returned; and the pursuers sought them throughout all the way, but found them not.
Akwansrafo no kɔɔ bepɔw asase no so kɔtenaa hɔ nnansa. Atiwfo no hwehwɛɛ ɔkwan no so baabiara, san kɔɔ wɔn kurom a wɔanhu akwansrafo no wɔ baabiara.
23 Then the two men returned, and descended from the mountain, and passed over, and came to Joshua the son of Nun; and they told him all that had befallen them.
Afei akwansrafo baanu no sian fii bepɔw asase no so twaa Asubɔnten Yordan bɛkaa nsɛm a ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ Yosua.
24 And they said unto Joshua: 'Truly the LORD hath delivered into our hands all the land; and moreover all the inhabitants of the land do melt away before us.'
Wɔkae se, “Ampa ara Awurade de asase no nyinaa bɛma yɛn, efisɛ yɛn ho hu atɔ nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa so.”

< Joshua 2 >