< Ezekiel 46 >

1 Thus saith the Lord GOD: The gate of the inner court that looketh toward the east shall be shut the six working days; but on the sabbath day it shall be opened, and in the day of the new moon it shall be opened.
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛsɛ sɛ wɔto mfimfini adiwo pon a ani hwɛ apuei no mu nnafua asia a wɔde yɛ adwuma, nanso Homeda ne Ɔsram Foforo da no de, ɛsɛ sɛ wɔma ano da hɔ.
2 And the prince shall enter by the way of the porch of the gate without, and shall stand by the post of the gate, and the priests shall prepare his burnt-offering and his peace-offerings, and he shall worship at the threshold of the gate; then he shall go forth; but the gate shall not be shut until the evening.
Ɔhene no befi mfikyiri awura ɔpon no ntwironoo mu na wabegyina apongua no ho. Asɔfo no de ne hyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde bɛbɔ afɔre. Ɔbɛsɔre wɔ ɔpon no abobow ano na wasan apue, nanso wɔrento ɔpon no mu kosi anwummere.
3 Likewise the people of the land shall worship at the door of that gate before the LORD in the sabbaths and in the new moons.
Homenna ne ɔsram foforo nna no, ɛsɛ sɛ asase no sofo sɔre wɔ Awurade anim wɔ ɔpon no abobow ano.
4 And the burnt-offering that the prince shall offer unto the LORD shall be in the sabbath day six lambs without blemish and a ram without blemish;
Afɔrebɔde a ɛsɛ sɛ ɔhene no de brɛ Awurade wɔ Homeda no yɛ nguantenmma asia ne Odwennini baako a wɔn mu biara ho nni dɛm.
5 and the meal-offering shall be an ephah for the ram, and the meal-offering for the lambs as he is able to give, and a hin of oil to an ephah.
Aduan afɔrebɔde a wɔde ka Odwennini no ho yɛ kilogram dunsia, na nea wɔde ka nguantenmma no ho yɛ nea ɛsɔ ani, na ɔde ngo lita anan ka aduan kilogram dunsia biara ho.
6 And in the day of the new moon it shall be a young bullock without blemish; and six lambs, and a ram; they shall be without blemish;
Ɔsram Foforo da no, ɔmfa nantwi ba a ɔyɛ onini, nguantenmma asia ne adwennini a wɔn mu biara nnii dɛm mmra.
7 and he shall prepare a meal-offering, an ephah for the bullock, and an ephah for the ram, and for the lambs according as his means suffice, and a hin of oil to an ephah.
Ɔmfa atoko kilogram dunsia nka nantwinini no ho ne adwennini no nso saa ara, na nguantenmma no de, ɔmfa atoko dodow a ɔpɛ sɛ ɔde ma. Ɔmfa ngo lita anan nka atoko kilogram dunsia biara ho mmra sɛ aduan afɔrebɔde.
8 And when the prince shall enter, he shall go in by the way of the porch of the gate, and he shall go forth by the way thereof.
Na sɛ ɔhene no rebɛhyɛn mu a, ɔmfa ɔpon no ntwironoo no mu, na ɛsɛ sɛ hɔ ara na ɔfa de fi adi.
9 But when the people of the land shall come before the LORD in the appointed seasons, he that entereth by the way of the north gate to worship shall go forth by the way of the south gate; and he that entereth by the way of the south gate shall go forth by the way of the north gate; he shall not return by the way of the gate whereby he came in, but shall go forth straight before him.
“‘Na sɛ asase no sofo ba Awurade anim apontonna no a, nea ɔbɛfa atifi pon no mu akɔ mu akɔsɔre no, ɔmfa anafo pon no mu mfi adi; saa ara na nea ɔfa anafo pon mu kɔ mu no nso mfa atifi pon no mu mfi adi. Ɛnsɛ sɛ obiara san fa ɔpon a ɔfaa mu hyɛn mu no mu fi adi.
10 And the prince, when they go in, shall go in in the midst of them; and when they go forth, they shall go forth together.
Ɛsɛ sɛ ɔhene no fra wɔn mu; ɔne wɔn bɛba mu na ɔne wɔn afi adi.
11 And in the feasts and in the appointed seasons the meal-offering shall be an ephah for a bullock, and an ephah for a ram, and for the lambs as he is able to give, and a hin of oil to an ephah.
“‘Afahyɛ ne apontonna no, aduan afɔrebɔde no nyɛ nantwinini baako ne atoko kilogram dunsia, adwennini ne atoko kilogram dunsia, na nguantenmma no de, atoko dodow a ɛsɔ ani na ɔde bɛka ho, na ngo lita anan ka atoko kilogram dunsia biara ho.
12 And when the prince shall prepare a freewill-offering, a burnt-offering or peace-offerings as a freewill-offering unto the LORD, one shall open for him the gate that looketh toward the east, and he shall prepare his burnt-offering and his peace-offerings, as he doth on the sabbath day; then he shall go forth; and after his going forth one shall shut the gate.
“‘Bere biara a ɔhene no befi ne pɛ mu abɔ afɔre ama Awurade no, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre anaa asomdwoe afɔre no, ɛsɛ sɛ wobue ɔpon a ɛkyerɛ apuei no ma no. Ɔbɛbɔ ne ɔhyew anaa nʼasomdwoe afɔre no sɛnea ɔyɛ no wɔ Homeda no. Afei obefi adi, na ɛno akyi no wɔbɛto ɔpon no mu.
13 And thou shalt prepare a lamb of the first year without blemish for a burnt-offering unto the LORD daily; morning by morning shalt thou prepare it.
“‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode oguamma a wadi afe na onni dɛm bɛbɔ ɔhyew afɔre ma Awurade.
14 And thou shalt prepare a meal-offering with it morning by morning, the sixth part of an ephah, and the third part of a hin of oil, to moisten the fine flour: a meal-offering unto the LORD continually by a perpetual ordinance.
Anɔpa biara ɛsɛ sɛ wobɔ aduan afɔre a ɛyɛ atoko kilogram abiɛsa ne ngo lita baako ne fa a wɔde bɛfɔtɔw siam no. Aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade yi yɛ nhyehyɛe a ɛbɛtena hɔ daa.
15 Thus shall they prepare the lamb, and the meal-offering, and the oil, morning by morning, for a continual burnt-offering.
Ɛno nti wɔde oguamma ne atoko afɔrebɔde ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyew afɔrebɔde.
16 Thus saith the Lord GOD: If the prince give a gift unto any of his sons, it is his inheritance, it shall belong to his sons; it is their possession by inheritance.
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ ɔhene no de nʼagyapade no mu bi kyɛ ne mmabarima no mu bi a, ɛbɛyɛ nʼasefo dea na ɛyɛ wɔn agyapade.
17 But if he give of his inheritance a gift to one of his servants, it shall be his to the year of liberty; then it shall return to the prince; but as for his inheritance, it shall be for his sons.
Nanso sɛ ɔde nʼagyapade no mu bi kyɛ nʼasomfo no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfo no dea kosi nʼahofadi afe. Ɛno akyi ɛbɛsan abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapade yɛ ne mmabarima nko ara dea.
18 Moreover the prince shall not take of the people's inheritance, to thrust them wrongfully out of their possession; he shall give inheritance to his sons out of his own possession; that My people be not scattered every man from his possession.'
Ɛnsɛ sɛ ɔhene no gye nnipa no agyapade biara, pam wɔn fi wɔn asase so. Ɛsɛ sɛ ɔma ne mmabarima agyapade fi ɔno ankasa ahode mu, sɛnea me nkurɔfo mu biara remfi nʼasase so.’”
19 Then he brought me through the entry, which was at the side of the gate, into the holy chambers for the priests, which looked toward the north; and, behold, there was a place on the hinder part westward.
Afei ɔbarima no de me faa ɔkwan a ɛda ɔpon no nkyɛn mu a ɛkɔ adan akronkron a ɛkyerɛ atifi fam no, nea ɛyɛ asɔfo no dea no mu, na ɔkyerɛɛ me beae bi a ɛwɔ atɔe fam.
20 And he said unto me: 'This is the place where the priests shall boil the guilt-offering and the sin-offering, where they shall bake the meal-offering; that they bring them not forth into the outer court, to sanctify the people.'
Ɔka kyerɛɛ me se: “Ɛha ne baabi a asɔfo no bɛnoa afɔdi afɔrebɔde ne bɔne afɔrebɔde na wɔato atoko afɔrebɔde, sɛnea wɔremfa mma mfikyiri adiwo hɔ mmedwira nkurɔfo no ho.”
21 Then he brought me forth into the outer court, and caused me to pass by the four corners of the court; and, behold, in every corner of the court there was a court.
Ɔde me baa adiwo a ɛwɔ afikyiri hɔ no na odii mʼanim de me kɔɔ ne ntwea anan no so, na mihuu adiwo foforo wɔ twea biara so.
22 In the four corners of the court there were courts inclosed, forty cubits long and thirty broad; these four in the corners were of one measure.
Mfikyiri adiwo no ntwea so anan no mu biara wɔ adiwo a ɛhyɛ mu a ne tenten yɛ anammɔn aduosia na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anum; na saa adiwo yi nyinaa kɛse yɛ pɛ.
23 And there was a row of masonry round about in them, round about the four, and it was made with boiling-places under the rows round about.
Afasu no mu biara anim no na wɔahyehyɛ abo de ase no ayɛ muka wɔ afaafa nyinaa.
24 Then said he unto me: 'These are the boiling-places, where the ministers of the house shall boil the sacrifices of the people.'
Ɔka kyerɛɛ me se, “Eyinom ne mukaase a wɔn a wɔsom wɔ asɔredan mu no bɛnoa nkurɔfo no afɔrebɔde.”

< Ezekiel 46 >