< 2 Kings 3 >

1 Now Jehoram the son of Ahab began to reign over Israel in Samaria in the eighteenth year of Jehoshaphat king of Judah, and reigned twelve years.
Ahab babarima Yoram na odii hene wɔ Israel bere a na Yudahene Yehosafat adi ade mfe dunwɔtwe wɔ Yuda no. Odii ade wɔ Samaria mfe dumien.
2 And he did that which was evil in the sight of the LORD; but not like his father, and like his mother; for he put away the pillar of Baal that his father had made.
Ɔyɛɛ Awurade ani so bɔne. Nanso na nʼamumɔyɛ no nte sɛ nʼagya ne ne na de no. Ɔsɛee Baal adum kronkron a nʼagya sii no.
3 Nevertheless he cleaved unto the sins of Jeroboam the son of Nebat, wherewith he made Israel to sin; he departed not therefrom.
Nanso ɔtoaa ahonisom so, sɛnea Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔyɛe no.
4 Now Mesha king of Moab was a sheep-master; and he rendered unto the king of Israel the wool of a hundred thousand lambs, and of a hundred thousand rams.
Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfo yɛn nguan. Na wotua sonkahiri a ɛyɛ nguamma mpem ɔha ne adwennini mpem ɔha ho nwi ma Israelhene afe biara.
5 But it came to pass, when Ahab was dead, that the king of Moab rebelled against the king of Israel.
Nanso Ahab wu akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene.
6 And king Jehoram went out of Samaria at that time, and mustered all Israel.
Enti ɔhene Yoram fii Samaria boaboaa Israel asraafo ano.
7 And he went and sent to Jehoshaphat the king of Judah, saying: 'The king of Moab hath rebelled against me; wilt thou go with me against Moab to battle?' And he said: 'I will go up; I am as thou art, my people as thy people, my horses as thy horses.'
Ɔde nkra kɔmaa Yudahene Yehosafat se, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako ana?” Na Yehosafat buae se, “Me ne wo bɛkɔ. Wo ne me yɛ anuanom, me nkurɔfo yɛ wo nkurɔfo, mʼapɔnkɔ yɛ wʼapɔnkɔ.”
8 And he said: 'Which way shall we go up?' And he answered: 'The way of the wilderness of Edom.'
Na Yehosafat bisae se, “Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?” Yoram buae se, “Yɛbɛtoa wɔn afi Edom sare so.”
9 So the king of Israel went, and the king of Judah, and the king of Edom; and they made a circuit of seven days' journey; and there was no water for the host, nor for the beasts that followed them.
Edomhene ne nʼakofo kɔkaa wɔn ho. Na asraafo dɔm abiɛsa no bɔɔ nsra twaa wɔn ho besii wɔn anan mu saa nnanson no, na wɔne wɔn mmoa nnya nsu nnom.
10 And the king of Israel said: 'Alas! for the LORD hath called these three kings together to deliver them into the hand of Moab.'
Israelhene teɛɛ mu bisae se, “Yɛnyɛ yɛn ho dɛn? Awurade de yɛn baasa aba ha sɛ Moabhene nni yɛn so ana?”
11 But Jehoshaphat said: 'Is there not here a prophet of the LORD, that we may inquire of the LORD by him?' And one of the king of Israel's servants answered and said: 'Elisha the son of Shaphat is here, who poured water on the hands of Elijah.'
Nanso Yudahene Yehosafat bisae se, “Enti Awurade diyifo biara nka yɛn ho wɔ ha ana? Sɛ wɔn mu bi wɔ ha a, yebetumi abisa Awurade nea yɛnyɛ.” Ɔhene Yoram mpanyimfo no mu baako kae se, “Safat babarima Elisa wɔ ha. Na ɔyɛ Elia boafo.”
12 And Jehoshaphat said: 'The word of the LORD is with him.' So the king of Israel and Jehoshaphat and the king of Edom went down to him.
Enti Yehosafat kae se, “Ɛno de, Awurade betumi akasa afa no so.” Na Israelhene, Yudahene ne Edomhene kɔɔ Elisa nkyɛn abisa.
13 And Elisha said unto the king of Israel: 'What have I to do with thee? get thee to the prophets of thy father, and to the prophets of thy mother.' And the king of Israel said unto him: 'Nay; for the LORD hath called these three kings together to deliver them into the hand of Moab.'
Elisa ka kyerɛɛ Israelhene se, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo na adiyifo abosonsomfo no nkyɛn.” Nanso ɔhene Yoram kae se, “Dabi! Efisɛ ɛyɛ Awurade na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha sɛ ɔrebeyi yɛn ahyɛ Moabhene nsa!”
14 And Elisha said: 'As the LORD of hosts liveth, before whom I stand, surely, were it not that I regard the presence of Jehoshaphat the king of Judah, I would not look toward thee, nor see thee.
Na Elisa buae se, “Mmere dodow a Awurade Tumfo a mesom no no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mibu no a, anka merenhaw me ho wɔ wo ho.
15 But now bring me a minstrel.' And it came to pass, when the minstrel played, that the hand of the LORD came upon him.
Afei, ma obi a obetumi abɔ sanku mmra.” Bere a wɔrebɔ sanku no, Awurade tumi baa Elisa so,
16 And he said: 'Thus saith the LORD: Make this valley full of trenches.
ma ɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Saa obon a emu nsu ayow yi, wɔde nsu bɛhyɛ no ma.
17 For thus saith the LORD: Ye shall not see wind, neither shall ye see rain, yet that valley shall be filled with water; and ye shall drink, both ye and your cattle and your beasts.
Worenhu mframa anaa osu sɛnea Awurade ka no, nanso saa obon yi, wɔbɛhyɛ no nsu ma. Mubenya bi ama mo ho, mo anantwi ne mo mmoa a aka no.
18 And this is but a light thing in the sight of the LORD; He will also deliver the Moabites into your hand.
Na eyi yɛ ade a ɛyɛ mmerɛw ma Awurade. Ɔbɛma moadi Moab asraafo so nkonim.
19 And ye shall smite every fortified city, and every choice city, and shall fell every good tree, and stop all fountains of water, and mar every good piece of land with stones.'
Mubedi wɔn nkuropɔn papa so nkonim, mpo, nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no. Mubetwitwa wɔn nnua nyinaa agu. Mubesisiw wɔn asu aniwa, na mode abo asɛe wɔn nsase pa.”
20 And it came to pass in the morning, about the time of making the offering, that, behold, there came water by the way of Edom, and the country was filled with water.
Na ade kyee a eduu bere a wɔbɔ anɔpa afɔre no, nsu puee prɛko pɛ. Na ɛsen fii Edom, na ankyɛ biara na nsu abu so wɔ baabiara.
21 Now when all the Moabites heard that the kings were come up to fight against them, they gathered themselves together, all that were able to put on armour, and upward, and stood on the border.
Bere a Moabfo tee sɛ asraafo dɔm abiɛsa reba wɔn so no, wɔn nso boaboaa mmarima a wobetumi ako, mmofra ne mpanyin ano, de wɔn sisii wɔn ahye so.
22 And they rose up early in the morning, and the sun shone upon the water, and the Moabites saw the water some way off as red as blood;
Na ade kyee a wɔsɔree no, na owia no abɔ wɔ asu no so, ama ani abere sɛ mogya.
23 and they said: 'This is blood: the kings have surely fought together, and they have smitten each man his fellow; now therefore, Moab, to the spoil.'
Moabfo no teɛɛ mu se, “Ɛyɛ mogya. Sesɛɛ asraafo dɔm abiɛsa no atwa wɔn ho ako, akunkum wɔn ho wɔn ho! Momma yɛnkɔfow asade no!”
24 And when they came to the camp of Israel, the Israelites rose up and smote the Moabites, so that they fled before them. And they smote the land, even Moab, mightily.
Bere a woduu Israelfo nsraban mu no, Israel asraafo gyee bum, kɔtoaa Moabfo, ma woguanee. Israel asraafo no taa wɔn koduu Moab asase so. Wɔretaa Moabfo no nyinaa no, na wɔresɛe wɔn nneɛma.
25 And they beat down the cities; and on every good piece of land they cast every man his stone, and filled it; and they stopped all the fountains of water, and felled all the good trees; until there was left only Kir-hareseth with the stones of the wall thereof; so the slingers encompassed it, and smote it.
Wɔsɛee wɔn nkurow akɛse, de abo kataa wɔn nsase pa so, sisiw asuti nyinaa, twitwaa nnua pa nyinaa. Kir-Haraset nko ara na ɛkae, na ɛno mpo, wɔtow hyɛɛ so.
26 And when the king of Moab saw that the battle was too sore for him, he took with him seven hundred men that drew sword, to break through unto the king of Edom; but they could not.
Bere a Moabhene huu sɛ ɔredi nkogu no, odii nʼakofo ahanson anim, yeree wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔpem fa atamfo no nsraban a ɛbɛn Edomhene no mu, nanso wɔantumi.
27 Then he took his eldest son that should have reigned in his stead, and offered him for a burnt-offering upon the wall. And there came great wrath upon Israel; and they departed from him, and returned to their own land.
Enti ɔfaa ne babarima panyin a anka ɛsɛ sɛ odi nʼade sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afasu no ho. Abufuw kɛse baa Israel so, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so.

< 2 Kings 3 >