< Mark 1 >
1 A beginning of the Gospel of Jesus Christ, Son of God!
Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no, ahyɛaseɛ nie.
2 As it is written in the prophets —“Take note, I am sending my messenger ahead of you, who will prepare your way before you.”
Wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ, “Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.”
3 “A voice calling out: ‘In the wilderness prepare the way of the Lord, make His paths straight!’”—
“Nne bi reteam firi ɛserɛ so sɛ, ‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade, mommɔ akwan a ɛtene mma no.’”
4 John started baptizing in the wilderness and proclaiming a baptism of repentance for forgiveness of sins.
Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm.
5 Well, the whole Judean countryside and the Jerusalemites started going out to him, and were all being baptized by him in the Jordan River, confessing their sins.
Nnipa fifiri Yerusalem ne Yudea nkuro so kɔhunuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
6 Now John was clothed with camel's hair and with a leather belt around his waist; and he was eating locusts and wild honey.
Na Yohane hyɛ atadeɛ a wɔde yoma nhoma na apam a aboa nhoma abɔsoɔ nso bɔ mu. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ.
7 And he was proclaiming: “After me my Superior is coming, whose sandal strap I am not worthy to stoop down and loosen.
Ne nkyerɛkyerɛ no mu, ɔkaa sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sene me a, ne mpaboa ahoma mpo, mensɛ sɛ mekoto mesane.
8 I indeed baptized you with water, but He will baptize you with Holy Spirit.”
Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”
9 Well it happened in those days that Jesus came from Natsareth of Galilee and was baptized by John in the Jordan.
Ɛda bi, Yesu firii Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
10 And immediately upon coming up from the water He saw the heavens being torn open and the Spirit, like a dove, descending upon Him.
Yesu firi nsuo no mu sii konkɔn so ara pɛ, ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resiane sɛ aborɔnoma aba ne so. Saa ɛberɛ no ara mu,
11 And a Voice came from the heavens: “You are my Son, the beloved, in whom I am well pleased!”
ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”
12 Immediately the Spirit impelled Him into the wilderness.
Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ ɛserɛ so.
13 And He was there in the wilderness forty days being tested by Satan, and was with the wild animals; and the angels were ministering to Him.
Ɔtenaa hɔ adaduanan a na obiara nka ne ho ka wiram mmoa nko ara. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛeɛ. Akyire yi, abɔfoɔ ba bɛsom no.
14 Now after John was put in prison, Jesus went into Galilee proclaiming the Gospel of the Kingdom of God,
Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ.
15 and saying: “The time has been fulfilled and the Kingdom of God has approached. Repent and believe in the Gospel.”
Ɔkaa sɛ, “Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monnu mo ho na monnye asɛmpa no nni!”
16 Then, as He was walking beside the Sea of Galilee, He saw Simon and Andrew his brother, of Simon, casting a circular net onto the water, for they were fishermen.
Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau.
17 So Jesus said to them: “Come, follow me and I will turn you into fishers of men.”
Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifoɔ.”
18 At once they left their nets and followed Him.
Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu hɔ bɛdii nʼakyi.
19 And going on from there a little ways He saw James, son of Zebedee, and his brother John; they were in their boat mending their nets.
Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso Yakobo, sɛ wɔte kodoɔ mu reyɛ wɔn asau ho adwuma.
20 Right away He called them, and leaving their father Zebedee in the boat with the hired men they followed Him.
Ɔfrɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi. Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafoɔ hɔ wɔ kodoɔ no mu bɛdii nʼakyi.
21 Then they went into Capernaum. The very next Sabbath He entered the synagogue and began to teach.
Yesu ne nʼakyidifoɔ yi bɛduruu Kapernaum. Na Homeda duruiɛ no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no.
22 And they kept on being amazed at His teaching, because He was teaching them as one having authority, and not like the scribes.
Nnipa no tee asɛm no no, wɔn ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ, ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no.
23 Now there was a man in their synagogue with an unclean spirit; and he cried out,
Amonom hɔ ara, ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne teaam mu sɛ,
24 saying: “Hey, what do you want with us, Jesus Natsarene?! Have you come to destroy us? I know who you are—the Holy One of God!”
“Ɛdeɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no!”
25 So Jesus rebuked him saying: “Shut up and get out of him!”
Yesu teateaa honhommɔne no sɛ, “Mua wʼano! Firi ne mu kɔ!”
26 The unclean spirit, convulsing him and crying with a loud voice, came out of him.
Honhommɔne no wosoo saa ɔbarima no, ma ɔteateaam den na ɛtu kɔeɛ.
27 And all were astounded, so that they questioned among themselves, saying: “What is this? What can this new doctrine be? Because with authority he commands even the unclean spirits, and they obey him!”
Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Nkyerɛkyerɛ foforɔ bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!”
28 So His fame spread directly into the whole surrounding area of Galilee.
Saa anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi ho nsɛm trɛ faa Galileaman mu nyinaa.
29 Immediately upon exiting the synagogue they went into the house of Simon and Andrew, with James and John.
Wɔfirii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea efie.
30 Simon's mother-in-law was lying down with a fever, so without delay they told Him about her.
Na Simon ase baa ɛda mpa so a huraeɛ akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu.
31 So He went and grasping her hand lifted her up; immediately the fever left her and she began to serve them.
Yesu kɔɔ baabi a ɔda hɔ, kɔsɔɔ ne nsa, ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn.
32 That evening, when the sun had set, they started bringing to Him all who were sick and the demonized.
Ɛduruu anwummerɛ no, nnipa no de ayarefoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ.
33 So much so that the whole town was gathered at the door,
Kuro mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ efie no aboboano,
34 and He healed many who were sick with various diseases and cast out many demons; and He did not allow the demons to speak, because they knew He was Messiah.
na Yesu saa ayarefoɔ bebree yadeɛ. Ɔtuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, ɛfiri sɛ, na wɔnim no.
35 Now very early, still night, He got up, slipped out, and went off to a solitary place, where He was praying.
Ahemadakye a na ɛnim nteteeɛ no, Yesu sɔre firii efie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ.
36 Simon and those with him hunted for Him,
Simon ne wɔn a wɔka ne ho firii adi kɔhwehwɛɛ no,
37 and upon finding Him they said to Him, “Everyone is looking for you.”
na wɔhunuu no no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo.”
38 But He said to them: “Let us go to the neighboring towns, so I can preach there also; that is why I have come.”
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkuro a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ, ɛno enti na mebaeɛ.”
39 He was constantly preaching in their synagogues throughout all Galilee, and also casting out demons.
Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso.
40 A leper came to Him, imploring Him, kneeling before Him and saying to Him, “If you want to, you are able to cleanse me.”
Ɔkwatani bi bɛkotoo no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wobɛtumi ama me ho ate.”
41 So being moved with compassion, Jesus stretched out His hand and touched him, and said to him: “I want to; be cleansed!”
Yesu hunuu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kaa sɛ, “Mepɛ! Wo ho mfi!”
42 And when He said this, immediately the leprosy left him, and he was cleansed.
Amonom hɔ ara, ne ho teeɛ, maa ne ho tɔɔ no!
43 And He sent him away at once, sternly warning him,
Yesu bɔɔ nʼano dendeenden sɛ,
44 by saying: “See that you say nothing to anyone; but go, show yourself to the priest and offer for your cleansing the things that Moses commanded, as a testimony to them.”
“Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ. Sɛ worekɔ a, fa wʼafɔrebɔdeɛ a Mose ahyɛ sɛ akwatafoɔ a wɔasa wɔn yadeɛ mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ, sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu sɛ wo ho atɔ wo bio.”
45 However he went out and began to proclaim it freely, spreading the news, so that He was no longer able to enter a town openly, but remained outside in deserted places; yet they kept coming to Him from all over.
Nanso, ɔrekorɔ no nyinaa, na ɔde nteateamu rebɔ nʼayaresa no ho dawuro. Esiane yei enti, sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm bɛtwa ne ho hyia. Ɛno enti, afei baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔnnyi ne ho adi. Enti, ɔtenaa ɛserɛ so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn wɔ hɔ.