< 1 Samuel 26 >
1 And the Ziphites came to Saul to Gibeah, saying, Does not David hide himself in the hill of Hachilah, facing the waste?
Sififo kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔka kyerɛɛ no se, “Dawid akohintaw wɔ Hakila bepɔw a ɛkyerɛ Yesimon no mu.”
2 And Saul arose, and went down to the wilderness of Ziph, having three thousand chosen men of Israel with him, to seek David in the wilderness of Ziph.
Enti Saulo yii nʼakofo mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif sare so sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid.
3 And Saul encamped in the hill of Hachilah, which faces the waste, by the way side. And David abode in the wilderness; and when he saw that Saul had come after him into the wilderness,
Saulo bɔɔ nʼatenae wɔ ɔkwan a ɛbɛn Hakila bepɔw a ɛne Yesimon di nhwɛanim no nkyɛn, baabi a Dawid akohintaw hɔ. Dawid tee sɛ Saulo aba hɔ, enti
4 David sent out spies, and learned that Saul was certainly come.
ɔsomaa akwansrafo sɛ wɔntetɛw no.
5 And David arose and came to the place where Saul had encamped; and David beheld the place where Saul lay, and Abner the son of Ner, the captain of his host; and Saul lay within the wagon-defence, and the people were encamped round about him.
Dawid kopuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenase hɔ anadwo bi. Ohuu sɛ Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ ɔsafohene adeda atenae no mu a asraafo a wɔadeda atwa ne ho ahyia.
6 And David spake and said to Ahimelech the Hittite, and to Abishai the son of Zeruiah, Joab's brother, saying, Who will go down with me to Saul to the camp? And Abishai said, I will go down with thee.
Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia babarima Abisai, Yoab nua se, “Hena na ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn wɔ nʼatenae hɔ?” Abisai buae se, “Me ne wo bɛkɔ.”
7 And David and Abishai came to the people by night, and behold, Saul lay sleeping within the wagon-defence, and his spear stuck in the ground at his head; and Abner and the people lay round about him.
Enti Dawid ne Abisai kɔɔ asraafo no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenae hɔ a, ɔde ne peaw atim fam wɔ ne ti ho pɛɛ. Na Abner ne asraafo no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda.
8 And Abishai said to David, God has delivered thine enemy into thy hand this day; and now let me smite him, I pray thee, with the spear, even to the ground once, and I will not do it the second time.
Abisai ka kyerɛɛ Dawid brɛoo se, “Nnɛ de, Onyankopɔn ayi wo tamfo ahyɛ wo nsa. Enti ma memfa me peaw no nwɔ no pɛn koro, nka no ntim fam. Merenwɔ no mprenu.”
9 And David said to Abishai, Destroy him not; for who can stretch forth his hand against Jehovah's anointed, and be guiltless?
Nanso Dawid ka kyerɛɛ Abisai se, “Dabi da, nsɛe no. Hena na obetumi de ne nsa aka onipa a Awurade asra no, na onni ho fɔ?
10 And David said, [As] Jehovah liveth, Jehovah will surely smite him; either his day shall come to die, or he shall descend into battle and perish.
Nokware ni, Awurade bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ wɔ ɔko mu, anaasɛ obenyin na wawu.
11 Jehovah forbid that I should stretch forth my hand against Jehovah's anointed! But now take, I pray thee, the spear that is at his head, and the cruse of water, and let us go.
Onyame ma ɛmpare me sɛ mede me nsa bɛka onipa a Onyankopɔn asra no. Na wunim biribi? Yɛbɛfa ne peaw ne ne sukuruwa na yɛakɔ.”
12 And David took the spear and the cruse of water from Saul's head; and they went away, and no man saw [it], and none knew [it], and none awaked, for they were all asleep; for a deep sleep from Jehovah had fallen upon them.
Na Dawid faa peaw no ne sukuruwa a esi Saulo ti ho no, na wɔkɔe a obiara anhu wɔn na wɔn mu biara nso annyan mpo. Na wɔn nyinaa adeda, efisɛ Awurade de nnahɔɔ too wɔn so.
13 And David went over to the other side, and stood on the top of a hill afar off; a great space [being] between them.
Dawid foroo bepɔw a ɛne atenae hɔ di nhwɛanim kosii sɛ oduu baabi a bɔne bi ntumi nka no.
14 And David cried to the people, and to Abner the son of Ner, saying, Answerest thou not, Abner? Then Abner answered and said, Who art thou that criest to the king?
Ɔteɛɛ mu frɛɛ Abner ne Saulo se, “Sɔre oo! Abner.” Abner bisaa se, “Hena ni?”
15 And David said to Abner, Art not thou a man? and who is like to thee in Israel? and why hast thou not guarded thy lord the king? for one of the people came in to destroy the king thy lord.
Dawid goruu ne ho se, “Abner, woyɛ onipa kɛse, ɛnte saa? Israelman mu nyinaa, ɛhe na otumfo bi wɔ? Na adɛn nti na woannwɛn wo wura, ɔhene no bere a obi baa sɛ ɔrebekum no no?
16 This thing is not good which thou hast done. As Jehovah liveth, ye are worthy to die, because ye have not guarded your master, Jehovah's anointed. And now see where the king's spear is, and the cruse of water that was at his head.
Saa asɛm yi nye koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owu, efisɛ moantumi ammɔ mo wura, nea Awurade asra no no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no peaw ne ne sukuruwa a na esi ne ti ho no wɔ he?”
17 And Saul knew David's voice, and said, Is this thy voice, my son David? And David said, It is my voice, my lord, O king.
Saulo tee Dawid nne nti ɔfrɛe se, “Wo ni, me ba Dawid?” Na Dawid buaa no se, “Nana, ɛyɛ me.
18 And he said, Why does my lord thus pursue after his servant? for what have I done? or what evil is in my hand?
Adɛn nti na wotaa me? Dɛn na mayɛ? Me bɔne ne dɛn?
19 And now, I pray thee, let my lord the king hear the words of his servant. If Jehovah have moved thee against me, let him accept an oblation; but if the sons of men, cursed be they before Jehovah; for they have driven me out this day from adhering to the inheritance of Jehovah, saying, Go, serve other gods.
Na afei mepɛ sɛ me wura tie ne somfo, Nana. Sɛ Awurade na wahwanyan wo atia me a, ɛno de ma onnye mʼafɔre. Na sɛ nso ɛyɛ onipa nhyehyɛe a, ɛno de, Awurade nnome wɔn a wɔyɛɛ saa nhyehyɛe no. Efisɛ moapam me afi me fi sɛnea ɛbɛyɛ a, merentumi ne Awurade nkurɔfo ntena, nsom sɛnea ɛsɛ.
20 And now, let not my blood fall to the earth far from the face of Jehovah; for the king of Israel is come out to seek a single flea, as when they hunt a partridge on the mountains.
Minwu wɔ ananafo asase so a ɛhɔ ne Awurade anim kwan ware ana? Adɛn nti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ sommɔre; sɛnea ɔbɔmmɔfo kɔ ahayɛ kɔpɛ asɛmɛntɛ wɔ mmepɔw so?”
21 And Saul said, I have sinned: return, my son David; for I will no more do thee harm, because my life was precious in thine eyes this day: behold, I have acted foolishly, and have erred exceedingly.
Afei Saulo kae se, “Mayɛ bɔne. San bra fie, me ba Dawid. Efisɛ nnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Merenhaw wo bio. Mayɛ nkwaseade na mafom yiye.”
22 And David answered and said, Behold the king's spear, and let one of the young men come over and fetch it.
Dawid buae se, “Ao, ɔhene, wo peaw ni. Ma wo mmerante no mu baako mmra mmegye.
23 And Jehovah will render to every man his righteousness and his faithfulness; for Jehovah gave thee into [my] hand this day, and I would not stretch forth my hand against Jehovah's anointed.
Awurade na ɔma papayɛ ne nokwaredi so akatua. Awurade de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ sɛ mekum wo, efisɛ woyɛ obi a Awurade asra wo.
24 And behold, as thy life was highly esteemed this day in mine eyes, so let my life be highly esteemed in the eyes of Jehovah, that he may deliver me out of all distress.
Afei, me kra nsom Awurade bo, sɛnea wo de asom me bo nnɛ yi. Onnye me mfi me haw nyinaa mu.”
25 And Saul said to David, Blessed be thou, my son David: thou shalt certainly do [great things], and shalt certainly prevail. And David went on his way, and Saul returned to his place.
Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid se, “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ mmaninne ne nkonimdifo kɛse.” Na Dawid kɔe, na Saulo nso san kɔɔ fie.