< Salme 113 >
1 Halleluja! Pris, I Herrens tjenere, pris Herrens navn!
Monkamfo Awurade. Ao, mo Awurade asomfoɔ, monkamfo no, monkamfo Awurade din.
2 Herrens navn være lovet fra nu og til evig tid;
Momma wɔnkamfo Awurade din, seesei ne daa nyinaa.
3 fra sol i opgang til sol i bjærge være Herrens navn lovpriset!
Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din.
4 Over alle folk er Herren ophøjet, hans herlighed højt over himlene.
Wɔama Awurade so aman nyinaa so, nʼanimuonyam tra ɔsorosoro.
5 Hvo er som HERREN vor Gud, som rejste sin Trone i det høje
Hwan na ɔte sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn, Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro,
6 og skuer ned i det dybe - i Himlene og på Jorden -
ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase.
7 som rejser den ringe af Støvet, løfter den fattige op af Skarnet
Ɔma ahiafoɔ so firi mfuturo mu na ɔpagya onnibie firi nso sie so;
8 og sætter ham mellem Fyrster, imellem sit Folks Fyrster,
ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, wɔn nkurɔfoɔ mmapɔmma mu.
9 han, som lader barnløs Hustru sidde som lykkelig Barnemoder!
Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fie sɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ. Monkamfo Awurade.