< 1 Samuelova 11 >

1 Tedy přitáhl Náhas Ammonitský, a položil se proti Jábes v Gálad. I řekli všickni muži Jábes k Náhasovi: Učiň s námi smlouvu, a budemeť sloužiti.
Ɛbɛyɛ ɔsram akyi, Amonhene Nahas dii nʼakofo anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma srɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfo.”
2 Jimž odpověděl Náhas Ammonitský: Na ten způsob učiním s vámi smlouvu, jestliže každému z vás vyloupím oko pravé, a uvedu to pohanění na všecken Izrael.
Nanso Amonni Nahas buae se, “Eye, na ade baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, metu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”
3 I řekli jemu starší Jábes: Propůjč nám sedm dní, ať rozešleme posly po všech končinách Izraelských, a nebude-li žádného, kdo by nás vysvobodil, tedy vyjdeme k tobě.
Na Yabes mpanyin no buae se, “Ma yɛn nnanson, na yɛmfa nsoma abɔfo mfa Israel nyinaa, na sɛ yɛn abusuafo amma ammegye yɛn de a, yɛbɛpene wo nhyehyɛe no so.”
4 Když pak přišli ti poslové do Gabaa Saulova, a mluvili ta slova v uši lidu, pozdvihli všickni hlasu svého a plakali.
Abɔfo no beduu Gibea a ɛyɛ Saulo kurom, bɛkaa asɛm a ato wɔn no kyerɛɛ ɔmanfo maa wɔn nyinaa sui.
5 A aj, Saul šel za voly s pole. I řekl Saul: Co je lidu, že pláče? I vypravovali jemu slova mužů Jábes.
Saa bere no, na Saulo refuntum nʼafuw. Na ɔbaa fie no, obisae se, “Dɛn asɛm na asi? Adɛn nti na nusu abu obiara kɔn yi?” Enti wɔbɔɔ asɛm a efi Yabes aba no ho amanneɛ.
6 Tedy sstoupil Duch Boží na Saule, když uslyšel slova ta, a rozhněvala se prchlivost jeho náramně.
Onyankopɔn honhom besii Saulo so denneennen. Na ne bo fuw yiye.
7 A vzav pár volů, rozsekal je na kusy, a rozeslal po všech krajinách Izraelských po týchž poslích, řka: Kdo by koli nešel za Saulem a za Samuelem, tak se stane s voly jeho. I připadl strach Hospodinův na lid, a vyšli jako muž jeden.
Ɔfaa anantwi abien, twitwaa wɔn asinasin, na wɔmaa abɔfo no soa kyinii Israel nyinaa, kae se, “Obiara a wanni Saulo ne Samuel akyi ankɔ ɔko no, saa ara na ne nantwi bɛyɛ!” Na Awurade maa nnipa no suroo Saulo abufuw no. Enti wɔn nyinaa bɛboaa wɔn ho ano.
8 I sečtl je v Bezeku; a bylo synů Izraelských třikrát sto tisíc, a mužů Juda třidceti tisíců.
Bere a Saulo boaa wɔn ano wɔ Besek a ɔkan wɔn no, na Israel mmarima dodow yɛ mpem ahaasa na Yudafo nso dodow yɛ mpem aduasa.
9 I řekli těm poslům, kteříž byli přišli: Takto povíte mužům Jábes v Galád: Zítra budete vysvobozeni, když slunce obejde. I přišli poslové, a oznámili mužům Jábes, kteřížto zradovali se.
Saulo somaa abɔfo no ma wɔsan wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Enkosi ɔkyena awia owigyinae bere mu no, yebeyi mo afi mo ahokyere no mu.” Abɔfo no kɔka eyi kyerɛɛ Yabes mmarima no, wɔn ani gyei.
10 Tedy řekli muži Jábes Ammonitským: Ráno vyjdeme k vám, abyste nám učinili, cožkoli se vám za dobré viděti bude.
Na Yabes mmarima ka kyerɛɛ wɔn atamfo no se, “Ɔkyena yɛbɛba mo so, na nea mopɛ no, monyɛ yɛn.”
11 Nazejtří pak rozdělil Saul lid na tři houfy; i vskočili do prostřed vojska v čas jitřního bdění, a bili Ammonitské, až slunce dobře vzešlo; kteříž pak byli pozůstali, rozprchli se, tak že nezůstalo z nich ani dvou pospolu.
Nanso ansa na ade bɛkye no, na Saulo adu hɔ dedaw. Ɔkyekyɛɛ nʼakofo no mu akuw abiɛsa. Ɔtow hyɛɛ Amonfo no so mpofirim, kunkum wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn asraafo nkae no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhu sɛ wɔn mu baanu bi gyina faako.
12 I řekl lid Samuelovi: Kdo jest ten, jenž pravil: Zdali Saul kralovati bude nad námi? Vydejte ty muže, ať je zbijeme.
Afei, nnipa no teɛɛ mu frɛɛ Samuel se, “Nnipa a wɔka se ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so hene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yenkum wɔn.”
13 Ale Saul řekl: Nebudeť dnes žádný zabit, poněvadž dnes učinil Hospodin vysvobození v Izraeli.
Nanso Saulo buae se, “Wɔrenkum obiara nnɛ, efisɛ, Awurade agye Israel nnɛ.”
14 I řekl Samuel lidu: Přiďte, a poďme do Galgala, obnovíme tam království.
Na Samuel ka kyerɛɛ nnipa no se, “Mommra na yɛn nyinaa nkɔ Gilgal nkosi Saulo ahenni no so dua.”
15 Šel tedy všecken lid do Galgala, a ustanovili tam Saule za krále před Hospodinem v Galgala, a obětovali také tam oběti pokojné před Hospodinem. I veselil se tam Saul a všickni muži Izraelští velmi velice.
Enti wɔn nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔhyɛɛ Saulo ahenkyɛw wɔ Awurade anim. Na wɔbɔɔ asomdwoe afɔre maa Awurade, na Saulo ne Israelfo nyinaa gyee wɔn ani.

< 1 Samuelova 11 >