< Rimljanima 10 >

1 Braćo! Želja je srca moga i molitva Bogu za njih: da se spase.
Anuanom, nea me koma pere hwehwɛ yɛ me mpae a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfo sɛ wobenya nkwagye.
2 Svjedočim doista za njih: imaju revnosti Božje, ali ne u pravom razumijevanju.
Metumi adi wɔn ho adanse sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ. Nanso wɔn som no mfi nimdeɛ mu.
3 Ne priznajući, doista, Božje pravednosti i tražeći uspostaviti svoju, pravednosti se Božjoj ne podložiše.
Wɔammu trenee a efi Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Eyi amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase.
4 Jer dovršetak je Zakona Krist - na opravdanje svakomu tko vjeruje.
Kristo ne mmara no awiei, enti obiara a ogye di no bɛyɛ ɔtreneeni.
5 Da, Mojsije piše o onoj pravednosti iz Zakona: Tko je vrši, naći će život u njoj.
Mose kyerɛe sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, obetumi asɔ Onyankopɔn ani, bere a ɔkyerɛw se, “Sɛ obi pɛ sɛ onya nkwa a, ɔnyɛ nea mmara no ka no nyinaa.”
6 A pravednost iz vjere ovako veli: Nemoj reći u srcu svom: Tko će se popeti na nebo - to jest Krista svesti?
Nanso wɔn a wɔn gyidi nti Onyankopɔn agye wɔn no, mmisa wɔ wɔn koma mu se, “Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?”
7 Ili: Tko će sići u bezdan - to jest izvesti Krista od mrtvih? (Abyssos g12)
Na wɔremmisa nso se, “Hena na ɔbɛkɔ awufo asase so akonyan no aba nkwa mu?” (Abyssos g12)
8 Nego što veli? Blizu ti je Riječ, u ustima tvojim i u srcu tvome - to jest Riječ vjere koju propovijedamo.
Nea Kyerɛwsɛm no ka ni: “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu.” Eyi ne asɛm a ɛfa gyidi ho a yɛka no.
9 Jer ako ustima ispovijedaš da je Isus Gospodin, i srcem vjeruješ da ga je Bog uskrisio od mrtvih, bit ćeš spašen.
Sɛ wopae mu ka se, “Yesu ne Awurade,” na wugye di sɛ Onyankopɔn na onyan no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa.
10 Doista, srcem vjerovati opravdava, a ustima ispovijedati spasava.
Na yefi koma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagye.
11 Jer veli Pismo: Tko god u nj vjeruje, neće se postidjeti.
Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔde ne ho to ne so no, nʼanim rengu ase.”
12 Nema uistinu razlike između Židova i Grka jer jedan je Gospodin sviju, bogat prema svima koji ga prizivlju.
Nsonoe biara nni Yudani ne Amanamanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na ohyira wɔn a wosu frɛ no.
13 Jer: Tko god prizove ime Gospodnje, bit će spašen.
Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.”
14 Ali kako da prizovu onoga u koga ne povjerovaše? A kako da povjeruju u onoga koga nisu čuli? Kako pak da čuju bez propovjednika?
Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa benya gyidi wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagye? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate? Gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn.
15 A kako propovijedati bez poslanja? Tako je pisano: Kako li su ljupke noge onih koji donose blagovijest dobra.
Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛnea wɔakyerɛw se, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no anan yɛ fɛ.”
16 Ali nisu svi poslušali blagovijesti - evanđelja! Zaista, Izaija veli: Gospodine, tko povjerova našoj poruci?
Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛnea Yesaia kae se, “Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?”
17 Dakle: vjera po poruci, a poruka riječju Kristovom.
Ɛno de, na gyidi no fi asɛm no tie mu, nea yɛte fi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu.
18 Nego pitam: Zar nisu čuli? Dapače! Po svoj zemlji razliježe se jeka, riječi njihove sve do nakraj svijeta.
Nanso mibisa se: Wɔante ana? Mmom wɔtee: “Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akodu asase ano.”
19 Onda pitam: Zar Izrael nije shvatio? Najprije Mojsije veli: Ja ću vas na ljubomor izazvati pukom ništavnim, razdražit ću vas glupim nekim narodom.
Mibisa bio se, Israelfo ante ase ana? Nea edi kan, Mose ka se, “Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me man mpo ho ninkunu. Mede ɔman a wonni ntease bɛhyɛ mo abufuw.”
20 Izaija pak hrabro veli: Nađoše me koji me ne tražahu, objavih se onima koji me ne pitahu.
Na Yesaia de akokoduru ka se, “Wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me; medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wommisaa mʼase no.”
21 A Izraelu veli: Cio dan pružah ruku narodu nepokornom i buntovnom.
Na nea ɔka faa Israelfo ho ne sɛ, “Da mu nyinaa matrɛw me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.”

< Rimljanima 10 >