< Psalmi 75 >

1 Zborovođi. Po napjevu “Ne razori!” Psalam. Asafov. Pjesma. Slavimo te, Bože, slavimo i zazivamo ime tvoje, pripovijedamo čudesa tvoja.
Asaf dwom. Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo Din abɛn; nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ.
2 “Kad odredim vrijeme, sudit ću po pravu.
Woka sɛ, “Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no; ɛyɛ me na mebu atɛntenenee.
3 Pa neka se strese zemlja sa stanovnicima svojim, ja sam učvrstio stupove njezine.”
Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.
4 Drznike opominjem: “Ne budite drski!” bezbožnike: “Ne budite tako rogati!”
Meka kyerɛ ahantanfoɔ sɛ, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso sɛ, ‘Mommma mo mmɛn so.
5 Ne dižite roga svog protiv Neba, nemojte govoriti drsko na Boga!
Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; mommfa animtiabuo nkasa.’”
6 Jer niti sa istoka niti sa zapada, niti iz pustinje niti sa bregova ...
Obiara mmfiri apueeɛ anaa atɔeɛ anaa ɛserɛ no so a ɔbɛtumi ama obi so.
7 Bog je koji sudi: ovoga snizuje, onog uzvisuje!
Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbu atɛn: Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforɔ so.
8 Jer je u Jahvinoj ruci pehar pun vina pjenušava, začinjena mirisnim travama; iz njega on napaja, do taloga će ga iskapiti i ispiti svi zlotvori svijeta.
Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam nsã bi a ɛtwa ahuro a wɔde nnuhwam afra ahyɛ no ma; ɔhwie, na asase so amumuyɛfoɔ nyinaa nom ma ɛka aseɛ puo.
9 A ja ću klicati dovijeka, pjevat ću Bogu Jakovljevu.
Me deɛ, mɛpae mu aka yei daa daa; mɛto ayɛyi dwom ama Yakob Onyankopɔn.
10 Rogove ću polomiti bezbožniku, a pravednik će podići glavu.
Mɛbubu amumuyɛfoɔ nyinaa mmɛn, nanso mɛma ateneneefoɔ ahoɔden foforɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ.

< Psalmi 75 >