< Matej 20 >

1 “Kraljevstvo je nebesko kao kad domaćin rano ujutro izađe najmiti radnike u svoj vinograd.
Yesu sane buu wɔn ɛbɛ foforɔ bi sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ okuafoɔ bi a ɔfirii adi anɔpa bi, sɛ ɔrekɔhwehwɛ nnipa abɔ wɔn paa.
2 Pogodi se s radnicima po denar na dan i pošalje ih u svoj vinograd.
Ne nsa kaa apaafoɔ no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua.
3 Izađe i o trećoj uri i vidje druge gdje stoje na trgu besposleni
“Ankyɛre ɔfirii adi bio kɔhunuu nnipa bi nso, sɛ wɔgyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee na wɔrehwehwɛ obi ama wabɔ wɔn paa.
4 pa i njima reče: 'Idite i vi u moj vinograd pa što bude pravo, dat ću vam.'
Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuo no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso sɛ, ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua.
5 I oni odoše. Izađe opet o šestoj i devetoj uri te učini isto tako.
“Ɔsane kɔɔ owigyinaeɛ ne nnɔnmiɛnsa ɛberɛ mu kɔbɔɔ nnipa foforɔ paa ne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ korɔ no ara bi.
6 A kad izađe o jedanaestoj uri, nađe druge gdje stoje i reče im: 'Zašto ovdje stojite vazdan besposleni?'
Ɔsane firii adi bɛyɛ nnomum berɛ mu, kɔhunuu sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na ɛda mu yi nyinaa mogyinagyina ha a monyɛ hwee?’
7 Kažu mu: 'Jer nas nitko ne najmi.' Reče im: 'Idite i vi u vinograd.'”
“Wɔyii ano sɛ, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa.’ “Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnneɛ monkɔka apaafoɔ a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuom no ho.’
8 “Uvečer kaže gospodar vinograda svojemu upravitelju: 'Pozovi radnike i podaj im plaću počevši od posljednjih pa sve do prvih.'
“Ɛduruu anwummerɛ no, ɔfrɛɛ deɛ ɔtua nʼapaafoɔ no ka no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Hwɛ na tua wɔn ka, firi wɔn a wɔbaa akyire no so kɔsi wɔn a wɔbaa kane no so.’
9 Dođu tako oni od jedanaeste ure i prime po denar.
“Apaafoɔ a ɔfaa wɔn akyire no nyinaa, ɔtuaa wɔn ɛda koro apaabɔdeɛ.
10 Pa kada dođu oni prvi, pomisle da će primiti više, ali i oni prime po denar.
Wɔn a wɔfaa wɔn kane no nso baeɛ. Wɔsusuu sɛ wɔbɛnya sika a ɛboro wɔn a ɔfaa wɔn akyire no deɛ no so. Nanso, wɔn nso, ɔtuaa wɔn sɛdeɛ ɔtuaa wɔn a wɔbaa akyire no ara pɛ.
11 A kad primiše, počeše mrmljati protiv domaćina:
Wɔn nsa kaa wɔn apaabɔdeɛ no, anyɛ wɔn dɛ.
12 'Ovi posljednji jednu su uru radili i izjednačio si ih s nama, koji smo podnosili svu tegobu dana i žegu.'”
Wɔka kyerɛɛ afuowura no sɛ, ‘Nnipa a wɔbaa akyire no yɛɛ adwuma dɔnhwereɛ baako pɛ, nso yɛn a yɛyɛɛ adwuma firi anɔpa ma owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’
13 “Nato on odgovori jednomu od njih: 'Prijatelju, ne činim ti krivo. Nisi li se pogodio sa mnom po denar?
“Ɔbuaa wɔn mu baako sɛ, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano sɛ, mɛma wo ɛda koro adwuma so akatua anaa?
14 Uzmi svoje pa idi. A ja hoću i ovomu posljednjemu dati kao i tebi.
Fa sika a wo nsa aka no na kɔ. Ɛfiri me pɛ mu na meretua wɔn a wɔbaa kane ne wɔn a wɔbaa akyire no nyinaa ka pɛ.
15 Nije li mi slobodno činiti sa svojim što hoću? Ili zar je oko tvoje zlo što sam ja dobar?'”
Mmara bi si me ho ɛkwan sɛ mede me sika yɛ deɛ mepɛ? Anaasɛ mʼayamyɛ enti na wʼani abere yi?’
16 “Tako će posljednji biti prvi, a prvi posljednji.”
“Asɛm a Yesu ka de wieeɛ ne sɛ, ‘Saa ara na wɔn a wɔdi akyire no bɛdi ɛkan, na wɔn a wɔdi ɛkan no nso bɛdi akyire.’”
17 Dok je Isus uzlazio u Jeruzalem, uze dvanaestoricu nasamo te im putem reče:
Yesu siim sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde nʼasuafoɔ no kaa ne ho.
18 “Evo, uzlazimo u Jeruzalem i Sin Čovječji bit će predan glavarima svećeničkim i pismoznancima. Osudit će ga na smrt
Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafoɔ no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem. Wɔbɛyi me ama asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ.
19 i predati poganima da ga izrugaju, izbičuju i razapnu, ali on će treći dan uskrsnuti.”
Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asɛnnua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afiri awufoɔ mu.”
20 Tada mu pristupi mati sinova Zebedejevih zajedno sa sinovima, pade ničice da od njega nešto zaište.
Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn maame baa Yesu nkyɛn. Ɔbaa yi de adesrɛdeɛ bi bɛtoo Yesu anim.
21 A on će joj: “Što želiš?” Kaže mu: “Reci da ova moja dva sina u tvome kraljevstvu sjednu uza te, jedan tebi zdesna, drugi slijeva.”
Yesu bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma woɔ?” Ɔbuaa no sɛ, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahennie mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.”
22 Isus odgovori: “Ne znate što ištete. Možete li piti čašu koju ću ja piti?” Kažu mu: “Možemo!”
Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnim deɛ worebisa no.” Afei, ɔdanee ne ho bisaa Yakobo ne Yohane sɛ, “Mobɛtumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi anaa?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛbɛtumi!”
23 A on im reče: “Čašu ćete moju doduše piti, ali sjesti meni zdesna ili slijeva - to nisam ja vlastan dati, to je onih kojima je pripravio moj Otac.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me kuruwa ano deɛ, mobɛtumi anom, nanso menni tumi sɛ meyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼagya ayi wɔn no.”
24 Kada su to čula ostala desetorica, razgnjeve se na dva brata.
Asuafoɔ edu a aka no tee deɛ Yakobo ne Yohane akɔbisa no, wɔn bo fuiɛ.
25 Zato ih Isus dozva i reče: “Znate da vladari gospoduju svojim narodima i velikaši njihovi drže ih pod vlašću.
Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim sɛ ahene ne atumfoɔ di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wɔdi wɔn so no nso di afoforɔ so.
26 Neće tako biti među vama! Naprotiv, tko hoće da među vama bude najveći, neka vam bude poslužitelj.
Nanso, mo deɛ, ɛnte saa wɔ mo mu. Mmom, obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo ɔsomfoɔ.
27 I tko god hoće da među vama bude prvi, neka vam bude sluga.”
Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkannifoɔ wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.
28 “Tako i Sin Čovječji nije došao da bude služen, nego da služi i život svoj dade kao otkupninu za mnoge.”
Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomoeɛ, na ɔde ne ɔkra too hɔ sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa.”
29 Kad su izlazili iz Jerihona, pođe za njim silan svijet.
Yesu ne nʼasuafoɔ firi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi.
30 I gle, dva slijepca sjeđahu kraj puta. Čuvši da Isus prolazi, povikaše: “Gospodine, smiluj nam se, Sine Davidov!”
Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifirafoɔ baanu bi teteɛ. Anifirafoɔ yi tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”
31 Mnoštvo ih ušutkivalo, ali oni još jače viknuše: “Gospodine, smiluj nam se, Sine Davidov!”
Nnipadɔm a wɔdi Yesu akyi no teateaa wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano. Nanso, anifirafoɔ no kɔɔ so teateaam sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”
32 Isus se zaustavi, dozove ih i reče: “Što hoćete da vam učinim?”
Yesu duruu deɛ wɔteteɛ hɔ no, ɔgyina, bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”
33 Kažu mu: “Gospodine, da nam se otvore oči.”
Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, yɛpɛ sɛ yɛhunu adeɛ!”
34 Isus se ganut dotače njihovim očiju i oni odmah progledaše. I pođoše za njim.
Anifirafoɔ no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ, wɔhunuu adeɛ, na wɔdii nʼakyi.

< Matej 20 >