< Luka 14 >

1 Jedne subote dođe on u kuću nekoga prvaka farizejskog na objed. A oni ga vrebahu.
Homeda bi, Farisini panin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidie no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ deɛ Yesu bɛyɛ.
2 Kad evo: pred njim neki čovjek koji je imao vodenu bolest.
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyare ahonhono.
3 Nato Isus upita zakonoznance i farizeje: “Je li dopušteno subotom liječiti ili nije?”
Yesu bisaa Farisifoɔ no ne mmaranimfoɔ a na wɔwɔ hɔ no sɛ, “Mmara ma ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa?”
4 A oni mukom ponikoše. On ga dotaknu, izliječi i otpusti.
Wɔammua no. Enti, Yesu sɔɔ ɔyarefoɔ no mu saa no yadeɛ, gyaa no kwan.
5 A njima reče: “Ako komu od vas sin ili vol padne u bunar, neće li ga brže bolje izvući i u dan subotni?”
Yesu bisaa wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɛ, “Mo mu hwan na sɛ nʼafunumu tɔ abura mu homeda a ɔrenyi no da no ara?”
6 I ne mogoše mu na to odgovoriti.
Nanso, wɔantumi ammua no.
7 Promatrajući kako uzvanici biraju prva mjesta, kaza im prispodobu:
Afei, Yesu hunuu sɛ, nnipa a wɔfrɛɛ wɔn adidi no ase no mu biara pɛɛ sɛ ɔtena mpanin tenabea no, ɔbuu wɔn bɛ bi sɛ,
8 “Kada te tko pozove na svadbu, ne sjedaj na prvo mjesto da ne bi možda bio pozvan koji časniji od tebe,
“Sɛ obi to nsa frɛ wo apontoɔ ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanin tenabea, ɛfiri sɛ, ebia na wato nsa afrɛ onipa titire bi a ɔsene wo.
9 te ne dođe onaj koji je pozvao tebe i njega i ne rekne ti: 'Ustupi mjesto ovome.' Tada ćeš, postiđen, morati zauzeti posljednje mjesto.
Sɛ ɛba saa a, deɛ ɔtoo nsa frɛɛ wo no bɛtu wo afiri akonnwa a wote so no so de ama deɛ ɔsene wo no na wode aniwuo akɔtena akyire baabi.
10 Nego kad budeš pozvan, idi i sjedni na posljednje mjesto pa, kada dođe onaj koji te pozvao, da ti rekne: 'Prijatelju, pomakni se naviše!' Bit će ti to tada na čast pred svim sustolnicima,
Enti, sɛ obi hyia wo apontoɔ ase a, kɔtena akyire baabi na sɛ deɛ ɔhyiaa wo no bɛhunu wo a, waka akyerɛ wo sɛ, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanin tenabea.’
11 jer - svaki koji se uzvisuje, bit će ponižen, a koji se ponizuje, bit će uzvišen.”
Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”
12 A i onome koji ga pozva, kaza: “Kad priređuješ objed ili večeru, ne pozivaj svojih prijatelja, ni braće, ni rodbine, ni bogatih susjeda, da ne bi možda i oni tebe pozvali i tako ti uzvratili.
Afei, Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no sɛ, “Sɛ woto ɛpono a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafoɔ ne asikafoɔ a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a, wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a, na wonyɛɛ hwee.
13 Nego kad priređuješ gozbu, pozovi siromahe, sakate, hrome, slijepe.
Na sɛ woto ɛpono a, hyia ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye ne anifirafoɔ.
14 Blago tebi jer oni ti nemaju čime uzvratiti. Uzvratit će ti se doista o uskrsnuću pravednih.”
Esiane sɛ wɔntumi nyɛ saa bi mma wo no enti, ɛda a ateneneefoɔ bɛsɔre afiri awufoɔ mu no, Onyankopɔn bɛhyira wo.”
15 Kad je to čuo jedan od sustolnika, reče mu: “Blago onome koji bude blagovao u kraljevstvu Božjem!”
Wɔn a wɔte adidiiɛ no mu baako tee deɛ Yesu kaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Nhyira nka deɛ ɔbɛdidi wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”
16 A on mu reče: “Čovjek neki priredi veliku večeru i pozva mnoge.
Yesu buaa no sɛ, “Ɛda bi ɔbarima bi too ɛpono kɛseɛ hyiaa nnipa bebree.
17 I posla slugu u vrijeme večere da rekne uzvanicima: 'Dođite! Već je pripravljeno!'
Adidi berɛ duruiɛ no, ɔsomaa ne ɔsomfoɔ bi sɛ ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ wɔmmra.
18 A oni se odreda počeli ispričavati. Prvi mu reče: 'Njivu sam kupio i valja mi poći pogledati je. Molim te, ispričaj me.'
“Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho wɔn ho ano. Deɛ ɔdi ɛkan no yii ne ho ano sɛ, ‘Matɔ asase a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’
19 Drugi reče: 'Kupio sam pet jarmova volova pa idem okušati ih. Molim te, ispričaj me.'
“Na ɔfoforɔ nso yii ne ho ano sɛ, ‘Matɔ anantwie edu a mede wɔn bɛyɛ mʼafuo a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’
20 Treći reče: 'Oženio sam se i zato ne mogu doći.'”
“Ɔfoforɔ bi nso yii ne ho ano sɛ, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’
21 “Sluga se vrati i javi to domaćinu. Tada domaćin, gnjevan, reče sluzi: 'Iziđi brzo na trgove gradske i ulice pa dovedi ovamo prosjake, sakate, slijepe i hrome.'
“Ɔsomfoɔ no sane bɛbɔɔ ne wura no amaneɛ no, ɔde abufuo somaa no bio sɛ, ‘Ka wo ho kɔ mmɔntene so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, anifirafoɔ ne mpakye sɛ wɔmmra.’
22 I sluga reče: 'Gospodaru, učinjeno je što si naredio i još ima mjesta.'
“Ɔsomfoɔ no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no baeɛ, nanso na afa da so wɔ hɔ ara.
23 Reče gospodar sluzi: 'Iziđi na putove i među ograde i prisili neka uđu da mi se napuni kuća.'
“Ɛno enti, owura no sane somaa no sɛ, ‘Kɔ akwan so ne mfikyire na frɛ obiara a wobɛhunu no no sɛ, mato ɛpono, enti wɔmmra.
24 A kažem vam: nijedan od onih pozvanih neće okusiti moje večere.”
Na merema woate aseɛ sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduane yi bi bɛka nʼano da biara da.’”
25 S njim je zajedno putovalo silno mnoštvo. On se okrene i reče im:
Ɛda bi a na nkurɔfoɔ akuakuo bi di Yesu akyi no, ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
26 “Dođe li tko k meni, a ne mrzi svog oca i majku, ženu i djecu, braću i sestre, pa i sam svoj život, ne može biti moj učenik!
“Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sene nʼawofoɔ, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a, ɔrentumi nyɛ me suani.
27 I tko ne nosi svoga križa i ne ide za mnom, ne može biti moj učenik!”
Obiara a ɔdi mʼakyi na ɔntumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.
28 “Tko od vas, nakan graditi kulu, neće prije sjesti i proračunati troškove ima li čime dovršiti:
“Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bɛwie?
29 da ga ne bi - pošto već postavi temelj, a ne mogne dovršiti - počeli ismjehivati svi koji to vide:
Anyɛ saa na ɔhyɛ ɛdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wɔhunu no nyinaa bɛsere no,
30 'Ovaj čovjek poče graditi, a ne može dovršiti!'
aka sɛ, ‘Onipa yi hyɛɛ aseɛ sɛ ɔresi ɛdan, nanso wantumi anwie’.
31 Ili koji kralj kad polazi da se zarati s drugim kraljem, neće prije sjesti i promisliti da li s deset tisuća može presresti onoga koji na nj dolazi s dvadeset tisuća?
“Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔkura asraafoɔ ɔpedu na ɔrekɔhyia ɔsahene foforɔ a ɔkura asraafoɔ ɔpeduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono?
32 Ako ne može, dok je onaj još daleko, poslat će poslanstvo da zaište mir.”
Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforɔ no bɛbɛn no no, ɔtu abɔfoɔ kɔhunu no sɛ, ɔmma wɔnsiesie wɔn ntam na asomdwoeɛ mmra.
33 “Tako dakle nijedan od vas koji se ne odrekne svega što posjeduje, ne može biti moj učenik.”
Ɛno enti, obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.
34 “Dobra je sol. Ali ako i sol obljutavi, čime će se ona začiniti?
“Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio?
35 Nije prikladna ni za zemlju ni za gnojište. Van se baca. Tko ima uši da čuje, neka čuje!”
Ɛho nni mfasoɔ mma biribiara. Wɔbɛto agu. “Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.”

< Luka 14 >