< Jakovljeva 3 >
1 Neka vas, braćo moja, ne bude mnogo učitelja! Ta znate: bit ćemo strože suđeni.
Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ mo ho akyerɛkyerɛfo, efisɛ munim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfo de, sɛ yɛfom a, wobebu yɛn atɛn a mu yɛ den sen afoforo.
2 Doista, svi mnogo griješimo. Ako tko u govoru ne griješi, savršen je čovjek, vrstan zauzdati i cijelo tijelo.
Yɛn nyinaa taa yɛ mfomso. Onipa a ɔnyɛ mfomso wɔ nea ɔka mu no yɛ pɛ a obetumi ahyɛ ne nipadua no so.
3 Ubacimo li uzde u usta konjima da ih sebi upokorimo, upravljamo i cijelim tijelom njihovim.
Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛnea obetie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ.
4 Evo i lađa: tolike su i silni ih vjetrovi gone, a neznatno ih kormilo upravlja kamo kormilarova volja hoće.
Anaasɛ dwene hyɛn ho; sɛnea ne kɛse te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wotumi de sitia ketewaa bi na ɛdannan no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafo no pɛ sɛ ɛkɔ no.
5 Tako i jezik: malen je ud, a velikim se može ponositi. Evo: kolicna vatra koliku šumu zapali!
Saa ara na tɛkrɛma te; sua a esua nyinaa akyi no, etumi hoahoa ne ho. Hwɛ sɛnea ogya ketewaa bi si tumi hyew kwae kɛse.
6 I jezik je vatra, svijet nepravda jezik je među našim udovima, kalja cijelo tijelo te, zapaljen od pakla, zapaljuje kotač života. (Geenna )
Tɛkrɛma nso yɛ ogya, onipa akwaa mu nnebɔne wiase. Ɛsɛe nipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so gya na nʼankasa nso ɔsɛe sɔ ne so gya. (Geenna )
7 Doista, sav rod zvijeri i ptica, gmazova i morskih životinja dade se ukrotiti, i rod ih je ljudski ukrotio,
Onipa tumi dwudwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea, po mu mmoa nyinaa,
8 a jezik - zlo nemirno, pun otrova smrtonosnog - nitko od ljudi ne može ukrotiti.
nanso obiara rentumi nnwudwo tɛkrɛma da. Ɔyɛ ɔbɔnefo a ɔyɛ hagyahagya a awuduru ahyɛ no ma.
9 Njime blagoslivljamo Gospodina i Oca, njime i proklinjemo ljude na sliku Božju stvorene:
Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so no.
10 iz istih usta izlazi blagoslov i prokletstvo. Ne smije se, braćo moja, tako događati!
Ano koro no ara mu na nkamfo ne nnome fi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa.
11 Zar vrelo na isti otvor šiklja slatko i gorko?
Nsu pa ne nsu a ɛyɛ nkyenenkyene betumi afi asuti baako mu aba ana?
12 Može li, braćo moja, smokva roditi maslinama ili trs smokvama? Ni slan izvor ne može dati slatke vode.
Me nuanom, borɔdɔma dua betumi asow ngodua aba ana? Anaasɛ bobe betumi asow borɔdɔma? Saa ara na asuti a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa.
13 Je li tko mudar i razborit među vama? Neka dobrim življenjem pokaže svoja djela u mudroj blagosti.
Obi wɔ mo mu a onim nyansa na ɔwɔ ntease? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛase ne nyansa so, da no adi.
14 Ako u srcu imate gorku zavist i svadljivost, ne uznosite se i ne lažite protiv istine!
Na sɛ mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkominya wɔ mo koma mu a, ɛno de ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho, na mofa so ka nkontompo tia nokware.
15 Nije to mudrost koja odozgor silazi, nego zemaljska, ljudska, đavolska.
Saa nyansa yi mfi ɔsoro na ɛbae. Ɛyɛ wiase nyansa na ɛyɛ honhommɔne nso.
16 Ta gdje je zavist i svadljivost, ondje je nered i svako zlo djelo.
Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkominya wɔ no, basabasa ne bɔne ahorow nyinaa bi wɔ hɔ.
17 A mudrost odozgor ponajprije čista je, zatim mirotvorna, milostiva, poučljiva, puna milosrđa i dobrih plodova, postojana, nehinjena.
Nanso nyansa a efi ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoe wɔ mu, edwo na ɛpɛ asomdwoe; ɛwɔ ahummɔbɔ na nneyɛe pa fi mu ba; ennye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso.
18 Plod se pak pravednosti u miru sije onima koji tvore mir.
Na ɛsow aba pa a efi aba a asomdwoefo duaa no asomdwoe mu no mu.