< Djela apostolska 13 >

1 U antiohijskoj je Crkvi bilo proroka i učitelja: Barnaba, Šimun zvani Niger, Lucije Cirenac, Manahen, suothranjenik Heroda četverovlasnika, i Savao.
Adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ atipɛnfoɔ, ne Saulo.
2 Dok su jednom obavljali službu Božju i postili, reče Duh Sveti: “De mi odlučite Barnabu i Savla za djelo na koje sam ih pozvao.”
Ɛberɛ a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyi Barnaba ne Saulo na wɔnkɔdi dwuma a ɛno enti mafrɛ wɔn no mma me.”
3 Onda su postili, molili, položili na njih ruke i otpustili ih.
Wɔdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ, de wɔn nsa guu wɔn so, somaa wɔn.
4 Poslani od Svetoga Duha siđu u Seleuciju, a odande odjedre na Cipar.
Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wɔfiri hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantuo no so kɔduruu Kipro.
5 Kad se nađoše u Salamini, navješćivahu riječ Božju u židovskim sinagogama. Imali su i Ivana za poslužitelja.
Wɔduruu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Saa ɛberɛ no, na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.
6 Pošto pak prođoše sav otok do Pafa, nađoše nekog vračara, nazoviproroka, Židova, imenom Barjesu.
Wɔtwaam wɔ supɔ no so kɔduruu Pafo, na ɛhɔ na wɔhyiaa Yudani nkonyaayifoɔ bi a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ a na ne din de Bar-Yesu.
7 On bijaše uz namjesnika Sergija Pavla, čovjeka razborita. Sergije dozva Barnabu i Savla te zaiska čuti riječ Božju,
Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔ no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na ɔnim nyansa yie no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ, na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie.
8 ali im se usprotivi Elim, Vračar - tako mu se ime prevodi - nastojeći odvratiti namjesnika od vjere.
Nanso, nkonyaayifoɔ Bar-Yesu a, Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ amrado yi bɛtie Onyankopɔn asɛm.
9 Savao pak, zvan i Pavao, pun Duha Svetoga, ošinu ga pogledom
Afei, Honhom Kronkron bɛhyɛɛ Saulo a ne din de Paulo no ma maa ɔhwɛɛ nkonyaayifoɔ Elima dinn kaa sɛ,
10 i reče: “Pun svake lukavosti i prevrtljivosti, sine đavolski, neprijatelju svake pravednosti, zar nikako da prestaneš iskrivljavati ravne putove Gospodnje?
“Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo! Wommpɛ ade pa biara yie. Nnaadaa ahodoɔ ahyɛ wo ma. Ɛberɛ biara, wopɛ sɛ wodane Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm!
11 Evo stoga sada ruke Gospodnje na tebi: oslijepljet ćeš i neko vrijeme nećeš gledati sunca!” Odmah pade na nj mrak i tama te on glavinjajući stade tražiti ruke vodilje.
Awurade bɛtwe wʼaso ama wʼani afira a worenhunu adeɛ firi saa ɛberɛ yi de kɔsi berɛ bi.” Ɛhɔ ara Elima ani firaeɛ a na ɔde ne nsa rekeka sɛ ɔbɛnya obi asɔ ne mu anaa.
12 Videći što se dogodilo, povjerova tada namjesnik, zanesen naukom Gospodnjim.
Amrado no hunuu asɛm a asi no, ɔgyee Awurade asɛm no diiɛ. Awurade ho asɛm a ɔteeɛ no maa ne ho dwirii no.
13 Pošto se Pavao i oni oko njega otisnuše od Pafa, stigoše u Pergu pamfilijsku. Ivan ih napusti te se vrati u Jeruzalem.
Paulo ne nʼahokafoɔ no tenaa ɛhyɛn mu firii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaa wɔn hɔ sane kɔɔ Yerusalem.
14 Oni pak krenuše iz Perge i stigoše u Antiohiju pizidijsku. U dan subotni ušli su u sinagogu i sjeli.
Wɔfiri Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Ɛduruu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomeeɛ.
15 Nakon čitanja Zakona i Proroka pošalju nadstojnici sinagoge k njima: “Braćo, rekoše, ima li u vas koja riječ utjehe za narod, govorite!”
Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifoɔ no nsɛm wieeɛ no, hyiadan no mu mpanimfoɔ no soma kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.”
16 Nato usta Pavao, dadne rukom znak i reče: “Izraelci i vi koji se Boga bojite, čujte!
Afei, Paulo sɔre gyinaeɛ, nyamaa ne nsa hyɛɛ aseɛ kasaa sɛ, “Me nuanom Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no, montie me!
17 Bog naroda ovoga, Izraela, izabra oce naše i uzdiže narod za boravka u zemlji egipatskoj te ga ispruženom rukom izvede iz nje.
Israel Onyankopɔn yii yɛn nananom ma wɔyɛɛ ɔman kɛseɛ ɛberɛ a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛseɛ so yii wɔn firii Misraim,
18 Oko četrdeset ga je godina na rukama nosio u pustinji
na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan.
19 pa pošto zatre sedam naroda u zemlji kanaanskoj, ubaštini ga u zemlji njihovoj
Ɔsɛee amanaman nson wɔ Kanaan asase so na ɔde asase no maa ne nkurɔfoɔ,
20 za kakve četiri stotine i pedeset godina. Nakon toga dade im suce - do Samuela proroka.
maa wɔtenaa so mfeɛ ahanan ne aduonum. Yei akyi no, ɔmaa atemmufoɔ dii wɔn so kɔsii sɛ Odiyifoɔ Samuel baeɛ.
21 Onda zaiskaše kralja pa im Bog za četrdeset godina dade Šaula, sina Kiševa, iz plemena Benjaminova.
Ɛberɛ a wɔpɛɛ sɛ wɔnya ɔhene ma ɔdi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ɔfiri Benyamin abusua mu no maa wɔn maa ɔdii wɔn so mfeɛ aduanan.
22 Pošto svrgnu njega, podiže im za kralja Davida za kojega posvjedoči: Nađoh Davida, sina Jišajeva, čovjeka po svom srcu, koji će ispuniti sve moje želje.
Onyankopɔn tuu Saulo adeɛ so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahunu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.’
23 Iz njegova potomstva izvede Bog po svom obećanju Izraelu Spasitelja, Isusa.
“Sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfoɔ Agyenkwa.
24 Pred njegovim je dolaskom Ivan propovijedao krštenje obraćenja svemu narodu izraelskomu.
Ansa na Yesu rebɛfiri nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakyera ho asɛm kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, wɔnsakyera mfiri wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu.
25 A kad je Ivan dovršavao svoju trku, govorio je: 'Nisam ja onaj za koga me vi držite. Nego za mnom evo dolazi onaj komu ja nisam dostojan odriješiti obuće na nogama.'”
Ansa na Yohane rebɛwie nʼasɛnka no, ɔbisaa nnipa no sɛ, ‘Mosusu sɛ meyɛ hwan? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛre biara, deɛ moretwɛn no no bɛba, na mensɛ sɛ mɛworɔ ne mpaboa afiri ne nan.’
26 “Braćo, sinovi roda Abrahamova, vi i oni koji se među vama Boga boje, nama je upravljena ova Riječ spasenja.
“Me nuanom Abraham asefoɔ ne amanamanmufoɔ a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn enti na Onyankopɔn soma maa wɔde saa nkwagyesɛm yi abrɛ yɛn.
27 Doista, žitelji Jeruzalema i glavari njihovi ne upoznaše njega ni riječi proročkih što se čitaju svake subote pa ih, osudivši ga, ispuniše.
Esiane sɛ na nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifoɔ no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no enti, wɔbuu Yesu kumfɔ, maa adiyifoɔ no nsɛm no baa mu.
28 Premda ne nađoše nikakva razloga smrti, zatražiše od Pilata da ga smakne.
Ɛwom sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔnkum no.
29 Pošto pak izvršiše sve što je o njemu napisano, skinuše ga s drveta i položiše u grob.
Wɔyɛɛ biribiara a Atwerɛsɛm no ka fa ne ho wieeɛ no, wɔyii no firii asɛnnua no so kɔsiee no.
30 Ali Bog ga uskrisi od mrtvih.
Nanso, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu,
31 On se mnogo dana ukazivao onima koji s njim bijahu uzašli iz Galileje u Jeruzalem. Oni su sada njegovi svjedoci pred narodom.”
ne wusɔreɛ akyi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn a na wɔne no tu kwan firi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔn ne nnipa a wɔdi ne ho adanseɛ kyerɛ Israelfoɔ no.
32 “I mi vam navješćujemo evanđelje: obećanje dano ocima
“Afei, yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre firii awufoɔ mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nananom no aba mu.
33 Bog je ispunio djeci, nama, uskrisivši Isusa, kao što je i pisano u Psalmu drugom: Ti si Sin moj, danas te rodih.
Yei ne deɛ wɔatwerɛ wɔ Nnwom a ɛtɔ so mmienu mu no sɛ, “‘Woyɛ me ba; ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.’
34 Da ga pak uskrisi od mrtvih te se on više nikad neće vratiti u trulež, rekao je ovime: Dat ću vama svetinje Davidove, pouzdane.
Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔmaa no sɔre firii awufoɔ mu na ɔrensane nkɔ porɔeɛ mu no ne sɛ, “‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no bɛhyira wo.’
35 Zato i na drugome mjestu kaže: Nećeš dati da Svetac tvoj ugleda truleži.
Wɔaka no baabi nso sɛ, “‘Woremma wo Kronkronni no mporɔ.’
36 David doista, pošto u svom naraštaju posluži volji Božjoj, preminu, pridruži se ocima svojim i vidje trulež,
“Dawid ɛberɛ so, ɔsomm Onyankopɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ ma wɔsiee no ne nananom nkyɛn pɛɛ, na ɔporɔeɛ.
37 a Onaj koga Bog uskrisi ne vidje truleži.
Nanso, deɛ Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no amporɔ.
38 Neka vam dakle braćo, znano bude: po Ovome vam se navješćuje oproštenje grijeha!
“Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te aseɛ sɛ, ɛnam Yesu so na wɔka bɔne fakyɛ ho asɛm kyerɛ mo.
39 Po Ovome se tko god vjeruje, opravdava od svega od čega se po Mojsijevu zakonu niste mogli opravdati!
Ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, obiara a ɔgye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no.
40 Pazite da se ne zbude što je rečeno u Prorocima:
Monhwɛ yie na adiyifoɔ no nkɔm a wɔhyɛɛ yi amma no so:
41 Obazrite se, preziratelji, snebijte se i nestanite! Jer djelo činim u dane vaše, djelo u koje ne biste vjerovali da vam ga tko ispriča.”
“‘Mo fɛdifoɔ! Momma ɛnyɛ mo nwanwa na mo ho nnwiri mo! Ɛfiri sɛ, merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni!’”
42 Na izlasku su ih molili da im iduće subote o tome govore.
Paulo ne Barnaba refiri asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ Homeda a ɛreba no, wɔmmra mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio.
43 A pošto se skup raspustio, mnogi Židovi i bogobojazne pridošlice pođoše za Pavlom i Barnabom koji su ih nagovarali ustrajati u milosti Božjoj.
Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree a wɔasakyera aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafoɔ no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu.
44 Iduće se subote gotovo sav grad zgrnu čuti riječ Gospodnju.
Homeda a ɛdi so no duruiɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kuro no mu no nyinaa bɛtiee Awurade asɛm.
45 Kad su Židovi ugledali mnoštvo, puni zavisti psujući suprotstavljali su se onomu što je Pavao govorio.
Yudafoɔ no hunuu nnipakuo no, wɔn ani bereeɛ, ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnyeɛ, kasa tiaa no.
46 Na to im Pavao i Barnaba smjelo rekoše: “Trebalo je da se najprije vama navijesti riječ Božja. Ali kad je odbacujete i sami sebe ne smatrate dostojnima života vječnoga, obraćamo se evo poganima. (aiōnios g166)
Nanso, Paulo ne Barnaba de akokoɔduru kɔɔ so kaa sɛ, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane. Na sɛ moapo, na mommu mo ho sɛ nkwa a ɛnni awieeɛ ho hia mo enti a, yɛbɛgya mo hɔ akɔ amanamanmufoɔ no nkyɛn. (aiōnios g166)
47 Jer ovako nam je zapovjedio Gospodin: Postavih te za svjetlost poganima, da budeš na spasenje do nakraj zemlje.
Ahyɛdeɛ a Awurade de ama yɛn ne sɛ, “‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea; ɛnam mo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.’”
48 Pogani koji su slušali radovali su se i slavili riječ Gospodnju te povjerovaše oni koji bijahu određeni za život vječni. (aiōnios g166)
Amanamanmufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyeeɛ na wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a ɛnni awieeɛ no bɛyɛɛ agyidifoɔ. (aiōnios g166)
49 Riječ se pak Gospodnja pronese po svoj onoj pokrajini.
Na Awurade asɛm no trɛɛ ɔmantam no mu nyinaa.
50 Ali Židovi potakoše ugledne bogobojazne žene i prvake gradske te zametnuše progon protiv Pavla i Barnabe pa ih izbaciše iz svoga kraja.
Nanso, Yudafoɔ no tuu nnipa atitire a wɔwɔ kuro no mu no ne mmaa Nyamesurofoɔ a na wɔwɔ hɔ bi a wɔdi mu no aso maa wɔtaa Paulo ne Barnaba, pamoo wɔn firii ɔman no mu.
51 Oni pak stresu prašinu s nogu protiv njih pa odu u Ikonij.
Nanso, asomafoɔ no poroporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn so firii hɔ kɔɔ Ikoniom.
52 A učenici su se ispunjali radošću i Duhom Svetim.
Anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafoɔ a na wɔwɔ Antiokia no ma.

< Djela apostolska 13 >