< 2 Petrova 1 >
1 Šimun Petar, sluga i apostol Isusa Krista, onima koje pravednošću Boga našega i Spasitelja Isusa Krista zapade ista dragocjena vjera kao i nas.
Saa krataa yi fi Simon Petro a ɔyɛ Yesu Kristo somfo ne ne somafo nkyɛn, Ɔde rekɔma wɔn a esiane yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo trenee nti, wɔama wɔn gyidi a ɛsom bo te sɛ yɛn de no ara pɛ no:
2 Punina vam milosti i mira po spoznaji Boga i Isusa, Gospodina našega!
Adom ne asomdwoe a ɛdɔɔso a efi Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so.
3 Doista, po spoznaji njega, koji nas pozva slavom svojom i krepošću, božanska nas je snaga njegova obdarila svime za život i pobožnost.
Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ wɔ nea ofi nʼanuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi.
4 Time smo obdareni dragocjenim, najvećim obećanjima da po njima postanete zajedničari božanske naravi umakavši pokvarenosti koja je u svijetu zbog požude.
Ɔnam nʼanuonyam ne nnepa so ahyɛ yɛn bɔ a ɛsom bo yiye. Ɛno nti, mobɛyɛ ne nyameyɛ no adedifo na moafi nea wiase yi porɔwee a akɔnnɔ bɔne de ba no mu.
5 Zbog toga svim marom prionite: vjerom osigurajte krepost, krepošću spoznaje,
Esiane saa nti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛe a ɛho tew nka mo gyidi ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛe a ɛho tew ho;
6 spoznanjem uzdržljivost, uzdržljivošću postojanost, postojanošću pobožnost,
na momfa ahohyɛso nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛso ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho;
7 pobožnošću bratoljublje, bratoljubljem ljubav.
na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ ankasa nka onuadɔ ho.
8 Jer ako to imate i u tom napredujete, nećete biti besposleni i neplodni za spoznanje Isusa Krista.
Eyinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ munya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu.
9 A tko toga nema, slijep je, kratkovidan; zaboravio je da je očišćen od svojih prijašnjih grijeha.
Na obiara a onni bi no yɛ onifuraefo a ontumi nhu ade. Ne werɛ afi sɛ wɔahohoro ne ho afi ne bɔne dedaw no mu.
10 Zato, braćo, to revnije uznastojte učvrstiti svoj poziv i izabranje: to čineći - ne, nećete posrnuti nikada!
Enti me nuanom adɔfo, monyere mo ho wɔ dwuma no di mu, na enni mo ho adanse ampa ara sɛ Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena hɔ afebɔɔ. Sɛ moyɛ saa a, morenhintiw na morempa abaw nso.
11 Tako će vam se bogato osigurati ulazak u vječno kraljevstvo Gospodina našega i Spasitelja Isusa Krista. (aiōnios )
Sɛ mofa saa ɔkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahenni a ɛto ntwa da no mu. (aiōnios )
12 Zato ću vas uvijek na to podsjećati premda to znate i utvrđeni ste u primljenoj istini.
Ne saa nti daa mekaakae mo saa asɛm yi a munim na ase atim wɔ nokware a moagye adi no mu no.
13 Pravo je, mislim, da vas dok sam u ovom šatoru, budim opomenom,
Misusuw sɛ, eye sɛ mmere dodow a mete ase yi, mɛbɔ mo nkae wɔ saa asɛm yi ho.
14 svjestan da ću brzo napustiti svoj šator, kako mi i Gospodin naš Isus Krist očitova.
Minim sɛ ɛrenkyɛ biara megyaw saa ɔhonam yi hɔ sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no.
15 A pobrinut ću se da se i nakon mojeg izlaska uvijek toga sjećate.
Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɔkwan bi so ama moakae saa nsɛm yi bere biara wɔ me wu akyi.
16 Ta nismo vam navijestili snagu i Dolazak Gospodina našega Isusa Krista slijedeći izmudrene priče, nego kao očevici njegova veličanstva.
Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom yɛahu na yedi ne kɛseyɛ no ho adanse.
17 Od Oca je doista primio čast i slavu kad mu ono od uzvišene Slave doprije ovaj glas: Ovo je Sin moj, Ljubljeni moj, u njemu mi sva milina!
Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam bere a nne bi fii Anuonyam kɛse mu kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no.
18 Taj glas, koji s neba dopiraše, čusmo mi koji bijasmo s njime na Svetoj gori.
Yɛn ankasa tee nne no sɛ efi ɔsoro reba bere a na yɛne no wɔ Bepɔw Kronkron no so no.
19 Tako nam je potvrđena proročka riječ te dobro činite što uza nju prianjate kao uza svjetiljku što svijetli na mrklu mjestu - dok Dan ne osvane i Danica se ne pomoli u srcima vašim.
Ɛno nti ɛma yenya nkɔm a odiyifo no hyɛe no mu gyidi yiye. Ɛsɛ sɛ mutie no yiye efisɛ ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ sum mu kosi da a ade bɛkyɛ ama anɔpa nsoromma ahyerɛn wɔ mo koma mu no.
20 Ponajprije znajte ovo: nijedno se proroštvo Pisma ne može tumačiti samovoljno
Eyinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni hɔ a ɔnam nʼankasa so betumi akyerɛ Kyerɛwsɛm mu nkɔmhyɛ ase.
21 jer nikada proroštvo ne bi ljudskom voljom doneseno, nego su Duhom Svetim poneseni ljudi od Boga govorili.
Na nkɔmhyɛ biara mfi onipa pɛ mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a efi Onyankopɔn.