< 1 Solunjanima 2 >

1 Sami doista znate, braćo: naš dolazak k vama nije bio uzaludan.
Anuanom, mo ankasa munim sɛ sra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa.
2 Naprotiv, i pošto smo, kako znate, u Filipima trpjeli i bili pogrđeni, odvažismo se u Bogu našemu iznijeti vam, uz tešku borbu, evanđelje Božje.
Munim ayayade a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyaw a wɔyaw yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika no. Ɛwɔ mu sɛ na nnipa bi tia yɛn de, nanso yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn den ma yɛkaa Asɛmpa a efi ne mu no.
3 Uistinu, naše poticanje ne proistječe iz zablude, ni nečistoće, ni prijevare,
Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfi adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, nea yɛkae no yɛ nokware turodoo.
4 nego kako je Bog prosudio povjeriti nam evanđelje, tako ga i navješćujemo - ne kao da želimo ugoditi ljudima, nego Bogu koji prosuđuje srca naša.
Daa yɛka nokware, sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, efisɛ ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ.
5 Nikada se zaista kako znate, ne poslužismo ni laskavom riječju ni - Bog nam je svjedok - prikrivenom pohlepom.
Munim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛde sikanibere rebɛkata yɛn ani akasa. Onyankopɔn ne yɛn danseni.
6 Niti smo od ljudi iskali slavu - ni od vas, ni od drugih -
Sɛ moyɛ Kristo asomafo no nti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ anuonyam fi mo nkyɛn, nanso yemmisaa anuonyam mfii mo anaasɛ onipa foforo bi nkyɛn ɛ.
7 premda smo se mogli nametnuti kao Kristovi apostoli. Ali bili smo među vama nježni kao majka što hrani i njeguje svoju djecu.
Yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te odwo so, sɛnea ɔbeatan kokɔ ne mma.
8 Tako, puni ljubavi prema vama, htjedosmo vam predati ne samo evanđelje Božje nego i naše duše jer ste nam omiljeli.
Yɛhwɛɛ mo yiye, nyaa mo ho anigye sononko; mpo yɛdaa yɛn ho so sɛ yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama mo, bere a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no.
9 Sjećate se doista, braćo, našega truda i napora. Propovijedali smo vam evanđelje Božje i radili noću i danju da ne bismo opteretili koga od vas.
Anuanom, minim sɛ mokae adwuma a yɛyɛɛ ne brɛ a yɛbrɛe. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo; sɛnea Onyankopɔn Asɛmpa no ka na yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so.
10 Svjedoci ste vi i Bog kako smo se sveto, pravedno i besprijekorno vladali prema vama, vjernicima.
Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn nnansefo. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mugyee Asɛmpa no dii no yɛ kronkron a eye na mfomso biara nni ho.
11 Kao što znate, svakoga smo od vas kao otac svoju djecu,
Mo ara munim sɛ yɛne mo tenaa sɛnea agya ne nʼankasa mma tena.
12 poticali, sokolili i zaklinjali da živite dostojno Boga koji vas pozva u svoje kraljevstvo i slavu.
Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyee mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ nʼahenni ne nʼanuonyam mu no so.
13 Zato, eto, i mi bez prestanka zahvaljujemo Bogu što ste, kad od nas primiste riječ poruke Božje, primili ne riječ ljudsku, nego kakva uistinu jest, riječ Božju koja i djeluje u vama, vjernicima.
Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Bere a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, mutie gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a efi onipa nkyɛn, na mmom ampa ara sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu.
14 Doista, vi ste, braćo, postali nasljedovatelji crkava Božjih koje su u Judeji u Kristu Isusu: i vi isto trpite od svojih suplemenika što i oni od Židova,
Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ hɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfo no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfo taa mo no bi na Yudafo a
15 koji su i Gospodina Isusa i proroke ubili, i nas progonili, te Bogu ne ugađaju i svim se ljudima protive
wokum Awurade Yesu ne adiyifo no de taa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi bere biara.
16 kad nam priječe propovijedati poganima da se spase, da bi tako u svako vrijeme navršili mjeru zlodjela svojih. Ali sručio se na njih konačni gnjev.
Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiw yɛn kwan, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufo no nkwagye nkyerɛ wɔn. Eyi maa wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuw wɔ wɔn so.
17 A mi, braćo, pošto smo za kratko vrijeme ostali bez vas - licem, ne srcem - brže se bolje, u silnoj čežnji, požurismo ugledati vaše lice.
Anuanom, yɛantumi amma mo nkyɛn wɔ bere tiaa bi mu, nanso bere biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ sɛ yehu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara sɛ yebehyia mo ankasa.
18 Zaista, htjedosmo k vama - ja, Pavao, i jednom i dvaput - ali nas je spriječio Sotona.
Yɛpɛɛ sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn. Me Paulo de, na mepɛ sɛ meba hɔ boro pɛnkoro nanso ɔbonsam siw yɛn ho kwan.
19 Ta tko li će biti naša nada, radost ili vijenac dični - zar možda ne i vi? - pred Gospodinom našim Isusom o njegovu Dolasku?
Nanso dɛn ne yɛn anidaso, anigye, anaa ahenkyɛw a ɛbɛma yɛn anuonyam wɔ Awurade Yesu anim bere a ɔbɛsan aba no? Ɛnyɛ mo ana?
20 Vi ste doista slava naša i radost!
Nokware ni, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛw gyina mo so.

< 1 Solunjanima 2 >