< ܥܒܪ̈ܝܐ 13 >

ܚܘܒܐ ܕܐܚܐ ܢܟܬܪ ܒܟܘܢ 1
Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu.
ܘܪܚܡܬܐ ܕܐܟܤܢܝܐ ܠܐ ܬܛܥܘܢ ܒܗܕܐ ܓܝܪ ܫܘܘ ܐܢܫܐ ܕܟܕ ܠܐ ܪܓܝܫܝܢ ܢܩܒܠܘܢ ܡܠܐܟܐ 2
Monkae na munnye ahɔho wɔ mo afi mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfo a na wonnim.
ܥܗܕܘ ܠܐܝܠܝܢ ܕܐܤܝܪܝܢ ܐܝܟ ܗܘ ܕܥܡܗܘܢ ܐܤܝܪܝܢ ܐܢܬܘܢ ܐܬܕܟܪܘ ܠܐܝܠܝܢ ܕܐܠܝܨܝܢ ܐܝܟ ܐܢܫܐ ܕܒܤܪܐ ܠܒܝܫܝܢ ܐܢܬܘܢ 3
Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na wɔrehu saa amane no.
ܡܝܩܪ ܗܘ ܙܘܘܓܐ ܒܟܠ ܘܥܪܤܗܘܢ ܕܟܝܐ ܗܝ ܠܙܢܝܐ ܕܝܢ ܘܠܓܝܪܐ ܕܐܢ ܐܠܗܐ 4
Mo nyinaa nni aware ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho wɔn ho nokware, efisɛ Onyankopɔn bebu nguamanfo ne aguamammɔ atɛn.
ܠܐ ܗܘܐ ܪܚܡ ܟܤܦܐ ܪܥܝܢܟܘܢ ܐܠܐ ܢܤܦܩ ܠܟܘܢ ܡܕܡ ܕܐܝܬ ܠܟܘܢ ܗܘ ܓܝܪ ܡܪܝܐ ܐܡܪ ܕܠܐ ܐܫܒܩܟ ܘܠܐ ܐܪܦܐ ܒܟ ܐܝܕܝܐ 5
Munyi sikanibere mfi mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ nea mo nsa ka. Efisɛ Onyankopɔn aka se, “Merennyaw wo, na merempo wo da.”
ܘܐܝܬ ܠܢ ܕܢܐܡܪ ܬܟܝܠܐܝܬ ܡܪܝ ܡܥܕܪܢܝ ܠܐ ܐܕܚܠ ܡܢܐ ܥܒܕ ܠܝ ܒܪܢܫܐ 6
Momma yensi yɛn bo nka se, “Awurade ne me boafo, enti merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”
ܗܘܝܬܘܢ ܥܗܕܝܢ ܠܡܕܒܪܢܝܟܘܢ ܐܝܠܝܢ ܕܡܠܠܘ ܥܡܟܘܢ ܡܠܬܐ ܕܐܠܗܐ ܐܬܒܩܘ ܒܫܘܠܡܐ ܕܕܘܒܪܝܗܘܢ ܘܡܪܘ ܒܗܝܡܢܘܬܗܘܢ 7
Monkae mo mpanyimfo a wodii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɔkwan a wɔfaa so tenaa ase na munsua wɔn gyidi no.
ܝܫܘܥ ܡܫܝܚܐ ܐܬܡܠܝ ܘܝܘܡܢܐ ܗܘܝܘ ܘܠܥܠܡ (aiōn g165) 8
Yesu Kristo te saa ara nnɛra, nnɛ ne daa nyinaa. (aiōn g165)
ܠܝܘܠܦܢܐ ܢܘܟܪܝܐ ܘܡܫܚܠܦܐ ܠܐ ܬܬܕܒܪܘܢ ܫܦܝܪ ܗܘ ܓܝܪ ܕܒܛܝܒܘܬܐ ܢܫܪܪ ܠܒܘܬܢ ܘܠܐ ܒܡܐܟܠܬܐ ܡܛܠ ܕܠܐ ܐܬܥܕܪܘ ܐܝܠܝܢ ܕܗܠܟܘ ܒܗܝܢ 9
Mommma nkyerɛkyerɛ foforo biara nntwe mo mmfi ɔkwan pa so. Eye sɛ Onyankopɔn adom nti, yɛn kra benyin ahoɔden so a emfi aduan ho mmara a yedi so no. Wɔn a wodi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara.
ܐܝܬ ܠܢ ܕܝܢ ܡܕܒܚܐ ܕܠܐ ܫܠܝܛ ܠܡܐܟܠ ܡܢܗ ܠܗܢܘܢ ܕܒܡܫܟܢܐ ܡܫܡܫܝܢ 10
Nanso yɛwɔ afɔremuka bi a Asɔfo a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan mu no mpo nni ho kwan sɛ wodidi so.
ܚܝܘܬܐ ܓܝܪ ܗܠܝܢ ܕܡܥܠ ܗܘܐ ܕܡܗܝܢ ܪܒ ܟܘܡܪܐ ܠܒܝܬ ܡܩܕܫܐ ܚܠܦ ܚܛܗܐ ܒܤܪܗܝܢ ܝܩܕ ܗܘܐ ܠܒܪ ܡܢ ܡܫܪܝܬܐ 11
Yudafo Sɔfopanyin de mmoa mogya ba Kronkron mu Kronkron hɔ de bɛbɔ bɔne afɔre nanso wɔhyew mmoa no funu wɔ beae no akyi baabi.
ܡܛܠ ܗܢܐ ܐܦ ܝܫܘܥ ܕܢܩܕܫ ܠܥܡܗ ܒܕܡܗ ܠܒܪ ܡܢ ܡܕܝܢܬܐ ܚܫ 12
Eyi nti, Yesu nso wuu wɔ kurow no pon akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a ne mogya bɛma nnipa ayɛ akronkron.
ܘܐܦ ܚܢܢ ܗܟܝܠ ܢܦܘܩ ܠܘܬܗ ܠܒܪ ܡܢ ܡܫܪܝܬܐ ܟܕ ܫܩܝܠܝܢܢ ܚܤܕܗ 13
Enti momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ beae no akyi nkogye animguase no bi.
ܠܝܬ ܠܢ ܓܝܪ ܡܕܝܢܬܐ ܕܡܩܘܝܐ ܗܪܟܐ ܐܠܐ ܠܐܝܕܐ ܕܥܬܝܕܐ ܡܤܟܝܢܢ 14
Efisɛ yenni atenae a ɛwɔ hɔ daa wɔ asase yi so. Yɛrehwehwɛ kurow a ɛrebɛba no akyi kwan.
ܘܒܐܝܕܗ ܢܤܩ ܕܒܚܐ ܕܬܫܒܘܚܬܐ ܒܟܠܙܒܢ ܠܐܠܗܐ ܕܐܝܬܝܗ ܦܐܪܐ ܕܤܦܘܬܐ ܕܡܘܕܝܢ ܠܫܡܗ 15
Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔde.
ܘܠܐ ܬܛܥܘܢ ܡܪܚܡܢܘܬܐ ܘܫܘܬܦܘܬܐ ܕܡܤܟܢܐ ܒܗܠܝܢ ܓܝܪ ܕܒܚܐ ܫܦܪ ܐܢܫ ܠܐܠܗܐ 16
Mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, efisɛ ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.
ܐܬܛܦܝܤܘ ܠܡܕܒܪܢܝܟܘܢ ܘܐܫܬܡܥܘ ܠܗܘܢ ܗܢܘܢ ܓܝܪ ܫܗܪܝܢ ܚܠܦ ܢܦܫܬܟܘܢ ܐܝܟ ܐܢܫܐ ܕܝܗܒܝܢ ܚܘܫܒܢܟܘܢ ܕܒܚܕܘܬܐ ܢܗܘܘܢ ܥܒܕܝܢ ܗܕܐ ܘܠܐ ܒܬܢܚܬܐ ܡܛܠ ܕܠܐ ܦܩܚܐ ܠܟܘܢ 17
Muntie mo mpanyimfo na munni wɔn asɛm so. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wobu wɔn adwuma ho akontaa nti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ mutie wɔn a, wɔde anigye bɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a wɔde awerɛhow bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo.
ܨܠܘ ܥܠܝܢ ܬܟܝܠܝܢܢ ܓܝܪ ܕܬܐܪܬܐ ܛܒܬܐ ܐܝܬ ܠܢ ܕܒܟܠܡܕܡ ܨܒܝܢܢ ܕܫܦܝܪ ܢܬܕܒܪ 18
Monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn. Yenim pefee sɛ yɛwɔ adwene a emu da hɔ, efisɛ yɛpɛ sɛ bere biara yɛyɛ ade a eye.
ܝܬܝܪܐܝܬ ܒܥܐ ܐܢܐ ܡܢܟܘܢ ܕܬܥܒܕܘܢ ܗܕܐ ܕܒܥܓܠ ܐܬܦܢܐ ܠܟܘܢ 19
Na mebɔ mpae kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpae na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara.
ܐܠܗܐ ܕܝܢ ܕܫܠܡܐ ܗܘ ܕܐܤܩ ܡܢ ܒܝܬ ܡܝܬܐ ܠܪܥܝܐ ܪܒܐ ܕܡܪܥܝܬܐ ܒܕܡܐ ܕܕܝܬܩܐ ܕܠܥܠܡ ܕܐܝܬܘܗܝ ܝܫܘܥ ܡܫܝܚܐ ܡܪܢ (aiōnios g166) 20
Onyankopɔn anyan yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ oguanhwɛfo panyin no afi awufo mu ama yɛn, na ɛnam ne wu no so nti wɔasɔw daa apam no ano ama yɛn. (aiōnios g166)
ܗܘ ܢܓܡܘܪܟܘܢ ܒܟܠ ܥܒܕ ܛܒ ܕܬܥܒܕܘܢ ܨܒܝܢܗ ܘܗܘ ܢܤܥܘܪ ܒܢ ܡܕܡ ܕܫܦܝܪ ܩܕܡܘܗܝ ܒܝܕ ܝܫܘܥ ܡܫܝܚܐ ܕܠܗ ܫܘܒܚܐ ܠܥܠܡ ܥܠܡܝܢ ܐܡܝܢ (aiōn g165) 21
Asomdwoe Nyankopɔn mma mo nea ehia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛde, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛnea ɛsɔ ani. Anuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen. (aiōn g165)
ܒܥܐ ܐܢܐ ܕܝܢ ܡܢܟܘܢ ܐܚܝ ܕܬܓܪܘܢ ܪܘܚܟܘܢ ܒܡܠܬܐ ܕܒܘܝܐܐ ܡܛܠ ܕܒܙܥܘܪܝܬܐ ܗܘ ܟܬܒܬ ܠܟܘܢ 22
Anuanom, mesrɛ mo sɛ monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, efisɛ saa krataa a makyerɛw mo yi nyɛ tenten biara.
ܕܥܘ ܕܝܢ ܠܐܚܘܢ ܛܝܡܬܐܘܤ ܕܐܫܬܪܝ ܘܐܢ ܒܥܓܠ ܢܐܬܐ ܥܡܗ ܐܚܙܝܟܘܢ 23
Mepɛ sɛ mebɔ mo amanneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afi afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn.
ܫܐܠܘ ܒܫܠܡܐ ܕܟܠܗܘܢ ܡܕܒܪܢܝܟܘܢ ܘܕܟܠܗܘܢ ܩܕܝܫܐ ܫܐܠܝܢ ܒܫܠܡܟܘܢ ܟܠܗܘܢ ܕܡܢ ܐܝܛܠܝܐ 24
Yekyia mpanyimfo no ne Onyankopɔn nkurɔfo no nyinaa. Anuanom a wɔwɔ Italia no kyia mo.
ܛܝܒܘܬܐ ܥܡ ܟܠܟܘܢ ܐܡܝܢ ܫܥܡܐܐ 25
Adom nka mo nyinaa.

< ܥܒܪ̈ܝܐ 13 >